11.Hud

  1. Alif - Laam - Raa. (Woi yε) Nwoma a emu nsεm no sipi wᴐ nimdeԑ mu, afei yakyerεkyerε mu pefee; efri (Otumfoͻ) Nyansafoͻ , Amane bͻ Wura no hͻ (sε)
  2. Monhwε na moansom (obiara) gyesε Onyankopͻn (nko ara). Nokorε sε, meyε kͻkͻbͻ ne anigyesԑm (ho somafoͻ) a mefri Nehͻ ma mo
  3. ‘’Monsrε mo Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε, na afei monsakra moadwen nkͻ Nehͻ, na Ɔbεma mo atena asetena pa akosi εberε a yahyehyε ato hͻ (ama mo), na Ɔde N’adom no ama obi a ͻwͻ adom. Na mmom sε modane mo ho (fri Nokorԑ no ho) a, εneε medeε mesuro Da kεseε no asotwee no ma mo “
  4. Onyankopͻn hͻ na εyε monkyi, Ɔno na Ɔwͻ biribiara so tumi
  5. Nokorε sε, wͻ’kata wͻn akoma so de (ͻtan) suma. Nokorε sε, εberε a wͻ’de wͻn ntoma akata wͻn ho no mpo Onim deε wͻ’de suma ne deε wͻ’da no adie (nyinaa). Nokorε sε Ɔno ne deε εwͻ akoma mu no ho Nimdefoͻ no
  6. Abͻdeε a εwͻ asaase so biara akͻnhoma da Nyankopͻn so; Onim faako a ͻteε ne (berε a ͻwͻ awodeε mu), ne bea a ͻbewuo, ne n’adakamena mu. Biribiara wͻ Nwoma pefee (Lawhul Mah’fuuz) no mu
  7. Ɔno na Ɔde nna nsia bͻͻ soro ne asaase, na Netumi ahennwa no wͻ nsuo no so; sεdeε Ɔbεsͻ mo ahwε sε mo mu hwan na odi dwuma pa paa. Sε woka kyerε wͻn sε: ‘’Mowuo akyi no yε’benyane mo a, wͻn a wͻ’nnye nnie no asεm a wͻ’ka ne sε: ‘’Woi deε εyε nkonyaa anaasε nnaadaa pefee “
  8. Sε Yε’twentwεn asotwee no so dekͻ berε bi a yahyε a, deε wͻ’ka nesε: ‘’Ɛdeεn na asi (asotwee no) ho kwan?” Nokorε sε, Ɛda a εbεba wͻn soͻ no, biribiara ntumi nnane no mfri wͻn so, na deε wͻ’dii ho fεw no betwa wͻn ho ahyia
  9. Sε Yε’ma onipa ka ahummͻborͻ bi fri Yεn hͻ hwε, na afei Ye’yi (ahummͻborͻ no) fri ne so a, afei hwε, na wapa aba, reyi (Nyame) boniayε
  10. Sε Yε’ma no ka adom bi hwε wᴐ ᴐhaw bi a ato no akyi a, deε ͻka ne sε: “Bͻne (anaasε ͻhaw) no afri me so kͻ“. Nokorε na wayε ahomasoͻ, retu ne ho
  11. Gyesε wͻn a wͻ’si aboterε na wͻ’di dwuma pa no, saa nkorͻfoͻ no na wͻn wͻ bͻnefakyε ne akatua kεseε
  12. (Quraishfoͻ no reha wo sԑdeԑ) ebia wobegyae deε yayi ama woͻ no mu bi na wᴐ’de ama w’akoma asεe, efrisε wͻ’ka sε: ‘’Adεn nti na yennsiane ahonyadeε bi mma no, anaasε Soro abͻfoͻ bi mεka neho?” (W’adwuma ara ne sε) woyε kͻkͻbͻni. Onyankopͻn na biribiara twere no
  13. Anaa wͻ’ka sε: “Wabͻ wotrim (na atwerε Qur’aan no)?” Ka sε: ‘’Monfa nesεso Suura’ du a yabͻ yetrim (na atwerε) mmra, na monfri Nyankopͻn akyi mfrε obia mobetumi, sε moyε nokwafoͻ ampa a
  14. Sε wͻn amma mo mmuaeε a, εneε monhunu sε Nyankopͻn nimdeε mu na yεde sianee (saa Qur’aan yi). Awurade biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara, Enti mobεbrε moho ase ayε Muslimifoͻ
  15. Obi a ͻpε wiase asetena yi ne emu afεεfεdeε no, Yε’hyε wͻn dwumadie no ho akatua no mma pεpεεpε wͻ (wiase) mu dema wͻn, na yεnte so koraa
  16. Saa nkorͻfoͻ no na wͻ’nni (kyεfa biara) wͻ Daakye no mu no, gyesε Amanehunu gya; deε wͻ’yεε no wͻ (wiase yi) mu no (nyinaa) ayε kwa, na dwuma a na wͻ’die no ho amma mfasoͻ
  17. Enti (saa nkorᴐfoᴐ no tesε) obi a ͻwͻ nyinasoͻ pefee a efri ne Wura Nyankopͻn hͻ, na ͻdanseni a ofri Nyankopͻn hͻ no kenkan, na Mose Nwoma a εyε kwankyerε ne Ahummͻborͻ adi n’anim kan? Saa nkorͻfoͻ yi gye di. Na nnipa kuo no mu biara a w’annye annie no Amanehu gya no mu na yahyε no ho bͻ. Enti εmma w’adwen nnyε wo ntanta wͻ ho, efrisε, εno ne nokorε no a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ no, nanso nnipa pii nnim
  18. (Onipa) bͻneni bεn na ͻkyεn obia otwa nkontompo to Nyankopͻn soͻ? Yε’de saa nkorͻfoͻ no bεba Nyankopͻn anim, na (Soro abͻfoͻ) adansefoͻ no bεka sε: ‘’Saa nkorͻfoͻ yi na wͻ’twaa nkotompo too wͻn Wura Nyankopͻn soͻ no. Enti Nyankopͻn nomee nka nnipa bͻnefoͻ no
  19. Wͻn a wͻ’si (amanfoͻ) kwan fri Onyankopͻn kwan so hwehwε sε (Onyankopͻn kwan no) bεkyea, saa nkorͻfoͻ no ne (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no wͻ Daakye
  20. Saa nkorͻfoͻ no nni tumi sε wͻ’bεma (Nyame nhyehyεε) ayε kwa wͻ asaase so, na Nyankopͻn akyi nso wͻ’nni okyitaafoͻ biara. Yεde asotwee no bεbͻ ho ama wͻn. Wͻn antumi anya (adaagye) antie (Nokorε), na wͻn anya ani anhu (kwan tenenenee no nso)
  21. Saa nkorͻfoͻ no na wͻn ahwere wͻn kraa, na wͻn nkontompo a wͻ’bͻͻ wͻn trimu twaeε no nso ayera afri wͻn ho kͻ
  22. Akyinyeε biara nni ho sε Daakye no wͻ’ne berεguofoͻ paa no
  23. Nokorε sε, wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa, na wͻ’brε wͻn ho ase ma wͻn Wura Nyankopͻn no, saa nkorͻfoͻ no ne Soro aheman no mu foͻ no, na emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ
  24. Akuo mmienu yi (agyidiefoͻ ne kaafirfoͻ) mfatoho tesε Onifirani ne nea n’aso asie, εna obi a ohunu adeε ne obia ͻte asεm. Enti wͻn mfatoho yεpε? Adεn, monnfa nyԑ afutuo
  25. Ampa sε Yε’somaa Noa maa no kͻͻ nenkorͻfoͻ hͻ (kͻka kyerεε wͻn) sε: ‘’Nokorε sε, meyε kͻkͻbͻni pefee ma mo
  26. Sε: ‘’Monhwε na moansom (obiara) gyesε Nyankopͻn. Nokorε sε, medeε mesuro Ɛda yaaya no asotwee no ma mo
  27. Nenkorͻfoͻ no mu mpanimfoͻ no a wͻ’nnye nnie no kaa sε: ‘’Deε yehu woͻ ara nesε woyε nipa tesε yεn ara, na yennhu (nnipa a wͻ’di mmu biara) sε yεn mu mpapahwekwa a wͻ’nni adwen na edi w’akyi. Na yenhu deε mode kyεn yεn, enti yε’deε yε’dwene sε moyε atorofoͻ
  28. Noa kaa sε: ‘’Menkorͻfoͻ moahunu, enti sε megyina nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee a efri me Wura Nyankopͻn hͻ no so, na W’ama me ahummͻborͻ a efiri Nehͻ, εna yafira moani wᴐ ho a, enti yεnhyε mo (ma monye ntum) aberε a mompε
  29. Menkorͻfoͻ, memmisa mo (nsεm a meka kyerε mo no) ho sika. M’akatua deε εwͻ Nyankopͻn hͻ; na me mmpamo wͻn a wͻ’agye adie no. Nokorε sε, wͻ’behyia wͻn Wura Nyankopͻn, nanso mehu mo sε nnipa bi a moti awuo
  30. Menkorͻfoͻ, sε mepamo wͻn a hwan na ͻbεboa me wͻ Nyankopͻn hͻ? Adεn monnwen
  31. Mennka nkyerεε mo sε, Nyankopͻn akoradeε wͻ me hͻ, anaasԑ menim kokoa mu asεm, mennka nkyerεε mo nso sε, meyε Soro abͻfoͻ, εna mennkaa nso sε, wͻn a mobu wͻn animtia wᴐ moanisoͻ no Nyankopͻn mma wͻn papa. Nyankopͻn Nim deε εwͻ wͻn mu. (Sε maka nsεm bi saa akyerε mo a), εneε na anka meka abͻneεfoͻ no ho
  32. (Nenkorͻfoͻ no) kaa sε: ”Noa, wone yεn agye akyinnye paa ama wone yεn akyinyeε no adͻͻso dodo, enti fa deε w’ahyε yεn ho bͻ no bra yεn so, sε woyε nokwafoͻ ampa a”
  33. (Noa) kaa sε: Nea sԑ Ͻpԑ a ͻde (asotwee no) bεba mosoͻ no deε Ɔne Nyankopͻn, na montumi nnsi (saa asotwee no) ho kwan”
  34. Sε mepεsε metu mofo mpo na Nyankopͻn pεsε Ɔyera mo a, m’afutuo no ho mma mfasoͻ biara mma mo. Ɔno ne mo Wura Nyankopͻn no, na Nehͻ na mobεsan akͻ
  35. Anaasε (Nkͻmhyεni), wͻ’ka sε: “W’abͻ wotri mu (na w’atwerε Quraan) no?” Ka sε: “Sε mebͻͻ metri mu ampa a, me bͻne da me ara me so; na medeε menka bͻne a moyε no ho.”
  36. Yeyi kyerεε Noa sε: “Nokorԑ sԑ wo nkorͻfoͻ no nnye nni (bio) gyesε wͻn mu wͻn a wͻ’adikan agye adi no ara; na εmma wo werε nnho wͻ deε wͻ’reyε no ho
  37. Enti pam nsuom hyεn ma Yεnhwε sεdeε Y’eyi kyerεε (woͻ no). Na hwε na wone me ankasa amma abͻneεfoͻ no. Nokorε sε nsuo bεfa wͻn
  38. Ogu so repam nsuo mu hyεn no, εberε biara a nenkorͻfoͻ no mu mpanimfoͻ no bεba abetwam wͻ ne ho no na wͻ’redi ne ho fεw. (Noa) kaa sε: “Sε moredi yεn ho fεw (nnε) a, yεnso yεbedi moho fεw (ͻkyena) sεdeε moredi yεn ho fεw no
  39. Na mobehunu obi a asotwee a egu (nnipa) anim aseε no bεka no, ne obi a afe bͻͻ asotwee no bεba ne soͻ”
  40. (Ɛkͻͻ so) kosii sε, Y’ahyεdeε no ba maa nsuo puepue frii fononoo no mu. Y’εkaa sε: ”(Noa), fa biribiara mmienu-mmienu (onini ne ͻbedeε) ne w’abusuafoͻ ne wͻn a wͻ’agye adie no kͻ (nsuom nhyεn no mu) gyesε obi a, asεm no nokorε adikan atia no. Nanso (nnipa) kakraabi na wͻ’gye di kaa neho
  41. (Noa) ka kyerεε (wͻn a wͻ’agye adie no) sε: “Monfa Nyankopͻn din mforo; (Onyankopͻn din) na ede betuo, εno na εde bεto sεkyε anaasε εde begyina. Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene
  42. (Nsuom hyεn no) de wͻn nantee asorͻkye a εtesε mmepͻ no mu. Noa frεε neba a (saa berε no) na wate neho (gyina baabi) sε: “Meba, bεka yεn ho ne yεn mforo (nsuom hyεn no), na hwε na w’ankͻka boniayεfoͻ no ho”
  43. (Neba no) kaa sε: “Mεbͻ meho adwaa wͻ bepͻ bi so na εbεbͻ meho ban afri nsuo no ho”. (Noa) kaa sε: “Ɛnnε da yi biribiara ntumi mmͻ (obi) ho ban wͻ Nyankopͻn ahyεdeε ho, gyesε obi a (Nyankopͻn) ahu no mmͻbͻ”. Asorͻkye bͻ betwaa wͻn mmienu ntεm, enti ͻkͻkaa wͻn a nsuo faa wͻn no ho
  44. Y’εkaa sε: “Asaase, memene wo nsuo no; ͻsoro, ma ewiem nte hann (na gyae nsuo no tͻ), na nsuo no twae, na Nyankopͻn ahyεdeε no baa mu, na (εhyεn no) kͻgyinaa wͻ (bepͻ) Judi ho. Na yεkaa sε: “Nnebͻneεfoͻ no mfri hͻ nkͻ akyirikyiri!”
  45. Noa su frεε ne Wura Nyankopͻn, ͻkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, nokorε sε meba ka m’abusuafoͻ ho, na Wobͻhyε deε εyε nokorε na Wone atemmufoͻ no mu Otemmufoͻ no
  46. (Onyankopͻn) kaa sε: “Noa, nokorε sε ͻnka w’abusuafoͻ ho; nokorε sε nedwumadie nyε dwumadi pa, enti hwε na w’ammisa Me adeε a wonni ho nimdeε ho asԑm. Meretu wo fo na w’ankͻka abagyimi-foͻ no ho“
  47. (Noa) kaa sε: ”Me Wura Nyankopͻn, mehwehwε ntwitwagyeε wͻ Wohͻ sε m’abisa Wo adeε a menni ho nimdeε; enti gyesε Wode mebͻne kyε me na Wohu me mmͻbͻ anyε saa a mεka berεguofoͻ no ho”
  48. Yε’kaa sε: “Noa, fa asomdwiε a efri Yεn nkyεn siane si fͻm; na nhyira wͻ wo ne nnipa a wͻ’ka woho no so, ne wͻn a wͻ’fri wͻn mu (anaasε wͻn asefoͻ) no mu bi; na nnipa no mu bi nso Yε’bεma wͻn agye wͻn ani (berε tiaa bi) na afei asotwee yaaya a efri Yεn hͻ ato wͻn
  49. (Nkͻmhyεni), woi yε nsumaeε mu amaneε na Yε’reyi no adi akyerε woͻ. Ɛnyε adeε a na anka wo anaasε wo nkorͻfoͻ no nim saa (asεm) yi dada. Enti nya aboterε, na nokorε sε awieε (pa) no wͻ Nyamesurofoͻ no
  50. Aadfoͻ hͻ nso (Yε’somaa) wͻn nua Huud (maa no kͻͻ wͻn hͻ). Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, (efrisε) monni awurade foforͻ biara ka Neho. Nokorε sε moyε (nnipa a) motwa nkontompo paa
  51. Menkorͻfoͻ, memmisa mo (nsεmpa a mereka no) ho akatua. Onyankopͻn a Ɔbͻͻ me no hͻ na m’akatua wͻ. Enti monte aseε anaa
  52. Menkorͻfoͻ, monsrε mo Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε, na afei monsakra moadwen nkͻ Nehͻ, (sε moyε saa a) Ɔbεma nsuo atͻ ama no abuso ama mo, na Ɔde ahoͻden foforͻ aka moahoͻden ho, na monhwε yie na moanfa bͻne anane moho ankͻ
  53. Wͻ’kaa sε: “Huud, wonfaa nyinasoͻ pefee biara mmerεε yεn; na yεn mpo yenyae yεn anyame no (som) mmedi w’asεm akyi, na yεnnye wo nni mpo
  54. Deε yε’reka ara nesε,:”Y’abosom no bi de biribi bͻne bi ayε wo“. (Huud) kaa sε: “Mefrε Nyankopͻn sε, oni adanseε (ma me) na monso moni adanseε sε, medeε menka mo mmataho no a
  55. Mofri N’akyi (de bata Neho no) ho. Enti mo nyinaa monkͻ apam ntia me, na momma me ahomegye berε
  56. Nokorԑ sԑ, medeε me Wura, ne monso mo Wura Nyankopͻn no na mede meho to no soͻ. Abͻdeε a εnam asaase soͻ no mu biara, Onyankopͻn na Ɔwͻ neso tumi. Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn na ͻwͻ ͻkwan tenenee soͻ
  57. Enti sε modane moho kͻ a, ampa sε, m’abͻ asεm a yεde somaa me sε menfa mmrε mo no ho dawuro akyerε mo. Na me Wura Nyankopͻn de nnipa foforͻ bεba abesi moanan mu, na montumi nyε no hwee. Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn na ͻhwε biribiara soͻ
  58. Ԑberε a Y’ahyεdeε baeε no, Yε’de ahummͻborͻ a efri Yεn hͻ no gyee Huud ne wͻn a wͻ’agye adie aka neho no, na Yε’gyee wͻn frii asotwee a emu yε duro no mu
  59. Saa na Aadfoͻ nso, wͻ’ko tiaa wͻn Wura Nyankopͻn nsεnkyerεnee, na wͻ’yεε asoͻden tiaa N’asomafoͻ no, na wͻ’dii ahomasoͻfoͻ ne asoͻdenfoͻ biara ahyεdeε akyi
  60. Nnomee dii wͻn akyi wͻ wiase ha ne Wusͻreε da. Akyinnyeε biara nni ho sε Aadfoͻ no nso poo wͻn Wura Nyankopͻn . Enti (yeyii) Aad, Huud nkorͻfoͻ no frii hͻ
  61. Samuudfoͻ nso (yεsomaa) wͻn nua Soalhu (maa no kͻͻ wͻn hͻ) sε: “Menkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, (efrisε) monni awurade foforͻ biara ka Neho. Ɔno na Ɔbͻͻ mo frii asaase mu, εna Ɔde mo tenaa soͻ. Enti monsrε Nehͻ bͻnefakyε, na afei monsakra moadwen nkͻ Nehͻ. Nokorε sε me Wura Nyankopͻn bεn (N’akoa), na Ɔne mpaebͻ Tiefoͻ no”
  62. Wͻ’kaa sε: “Soalhu, ampa sε wone (onipa a) na anka yani da woso wͻ yεn mu ansa na (wode) woi (reba). Enti worebra yεn sε yεnnnsom deε y’agya nom somoeε? Nokorε sε y’adwen yε yεn ntanta, na ensi yεn pi wͻ deε worefrε yεn kͻ no ho“
  63. (Soalhu) kaa sε: “Menkorͻfoͻ moahu? Enti sε megyina nyinasoͻ pefee a efri me Wura Nyankopͻn hͻ so, na W’ama me ahummͻborͻ a efri Nehͻ a, εneε na hwan ne obi a ͻbεboa me ako atia Onyankopͻn, sε meyε (N’asεm ho) asoͻden a? Ɛneε na deε mode bεka me ho ara ne berεguo “
  64. “Menkorͻfoͻ, Nyankopͻn yoma bedeε yi yε nsεnkyerεnee ma mo, enti monyae no ma no nidi wͻ Nyankopͻn asaase no so, na monhwε yie na moanyε no bͻne (biara), anyε saa a asotwee a abεn no bεto mo“
  65. Nanso wͻ’kum (yoma bedeε) no. Enti (Soalhu) kaa sε: ”Modeε monye moani wͻ moafie mu nnansa. Woi yε bͻhyε a nkontompo biara nni ho “
  66. Enti εberε a Y’ahyεdeε no baeε no, Yε’de ahummͻborͻ a efri Yεn hͻ gyee Soalhu ne wͻn a wͻ’agye adi aka neho no frii saa da no animguaseε no mu. Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ne Ɔhoͻdenfoͻ no, na Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε
  67. Nteamu denden no sᴐᴐ wͻn a wͻ’di bͻne no mu, na wͻ (wuwu) dedaa hͻ wɔ wͻn adan mu
  68. (Wͻ’yεε) tesε deε wͻ’ntenaa mu hͻ koraa da. Akyinyeε biara nniho sε Samuudfoͻ no annye wͻn Wura Nyankopͻn anni. Enti (yeyii) Samuudfoͻ frii hͻ
  69. Ampa nso sε Y’asomafoͻ no de anigyesεm no brεε Abraham. Wͻ’kaa sε: “Asomdwiε” (dekyeaa Abraham), ͻno nso kaa sε: Asomdwiε (deyii wͻn nkyea no ano); (Abraham) yεε ntεm de nantwi nam a yatoto bae (bεsom wͻn ahͻhoͻ)
  70. Ԑberε a (Abraham) hunuu sε wͻn amfa wͻn nsa anka no, nebo annyo wͻ wͻn ho, na ͻbͻͻ hu wͻ wͻn ho. (Soro abͻfoͻ no) kaa sε: ‘’Ensuro, y’asoma yεn wͻ Lut nkorͻfoͻ no hͻ.”
  71. (Saa berε no) na neyere gyina hͻ, na ͻseree; na yεde Is’haaq (awoͻ) ho bͻhyε hyεε no bͻ; na Is’haaq akyiri no Ya’quub (na ͻbεtͻ so ayε wo nana)
  72. Ɔkaa sε: ‘’M’ahunu amane! Mεwo ba wͻ εberε a m’abͻ aberewa na mekunu woi nso abͻ akͻkora? Nokorε sε woi deε anwanwasεm ni”
  73. Abͻfoͻ no kaa sε: ‘’Onyankopͻn ahyεdeε na εyε wo nwanwa? Onyankopͻn ahummͻborͻ ne Nenhyira wͻ mo so, efie ha foͻ. Nokorε sε, Ɔne Ayeyie Hene ne Animuoyam Hene no
  74. Ɛberε a ehuu no frii (Abraham) soͻ, na onyaa anigyesεm no ho bͻhyε no, afei ͻpaa Yεn kyεw maa Lut nkorͻfoͻ no
  75. Nokorε sε na Abraham yε (onipa a) ͻwͻ ntoboaseε ne ntimmͻborͻ, na ͻde neho (nyinaa) maa Nyankopͻn
  76. (Abͻfoͻ no kaa sε) Abraham, gyae (kyεw pa) no, efrisε ampa sε wo Wura Nyankopͻn ahyεdeε no anya aba. Nokorε sε, asotwee no bεba wͻn so a yεtwe san a εnyε yie
  77. Ԑberε a Y’abͻfoͻ no baa Lut hͻ no, ne werε ho maa wͻn (abͻfoͻ no, εnam kuro no mu foͻ adwen bͻne nti), na onni tumi sε (ͻbetumi abͻ wͻn ho ban). Deε ͻkaeε ne sε: “Saa da yi yε da bͻne “
  78. Nenkorͻfoͻ no de ahoͻherε baa nehͻ; na ansa na saa (asεm yi reba no) na wͻ’yԑ nneyԑԑ bͻne. (Lut) kaa sε: “Menkorͻfoͻ, me mma mmaa ni, wͻn na wͻn ho te ma mo. Enti monsuro Nyankopͻn na monhwε na moangu m’anim ase wͻ m’ahͻhoͻ yi anim. Enti onipa teneneeni baako mpo nni mo mu?”
  79. Deε wͻ’kaeε ne sε: “Wonim yie sε yenhia womma mmaa, na nokorε nso sε wonim deε yεrehwehwε “
  80. (Lut) kaa sε: ”Na anka me wͻ ahoͻden bi a metumi de asi mo (dwumadi bɔne yi) ho kwan, anaasε menya mmoa kεseε bi (de asi mo kwan)
  81. (Abͻfoͻ no) kaa sε: “Lut, nokorε sε yε’yε wo Wura Nyankopͻn abͻfoͻ. Na (nnipa bͻnefoͻ no) nsa nka wo. Enti fa wone w’abusuafoͻ no na montu kwan anadwo fa yi, na monhwε yie na mo mu biara antwa n’ani anhwɛ n’akyi; na mmom wo yere no deε, nokorε sε deε εbεto wᴐn no bi bεto no; εberε a yahyε de ama ne anɔpa. Anɔpa nyε (berε a) εbεn anaa?”
  82. Ɛberε a Y’ahyεdeε no baeε no Yε’danee (kuro no) ani butuu no, tͻͻ aboͻ a εyε ogya nsuo a εtoatoa soͻ de guu wͻn so
  83. Nsohyεdeε a efri wo Wura Nyankoᴐn hͻ (wͻ ho); wɔ’ne (Maka) abɔneεfoɔ no ntεm kwan nnware
  84. Madiyanfoͻ no nso (yεsomaa) wɔn nua Shu’aib (kͻͻ wͻn hͻ). Ɔka kyerεε wɔn sε: ‘’Menkorͻfoͻ, monsom mo Wura Nyankopᴐn (efrisε) monni awurade foforͻ biara ka Neho. Monhwε yie na moante adeε a mohyε (no wͻ bͻtͻ anaa konku mu) ne deε mode nsania susuo no so; mahunu sε moanya mo ho deε, nanso mesuro εda a asotwee betwa mo ho ahyia no ma mo “
  85. “Menkorͻfoͻ, moma deε mohyε (no mmͻtͻ ne konku mu), ne deε mode nsania susuo no nyε pεpεεpε, na monhwε na moammͻ amanfoͻ nyansa korͻno. Na monnni nsεmmͻne wͻ asase so mma bͻneyε nntͻ nnkͻ so“
  86. “(Sε modi nokorε ma amanfoͻ) a, Onyankopɔn deε a εbεka ama mo no, εno na εyε ma mo, sε moyε agyidiefoͻ ampa a. Na medeε menyε moso hwεfoͻ’’
  87. Asεm a wɔ’kaeε nesε: ‘’Shaibu, enti wo Nyamesom no hyε wo sε yenyae deε na yεn agyanom som (no som), anaasε εmma yεnfa yεn sika nnyε deε yεn ara yε’pε? “ (wɔ’ka dedii ne ho fεw sε: “Shuaib), nokorε sε wowͻ ntoboaseε, na w’adwene tene”
  88. Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, monhunu sε, sε megyina nyinasoͻ pefee a efri me Wura Nyankopɔn hͻ no so, na W’ama me akyεdeε a εyε akyεdeε pa a efri Nehͻ a, (enti menfa efii mfra mu?) Mempεsε meneyԑԑ ne deԑ m’abra mo no bԑbᴐ abira. Deε mepε nesε, anka meyε (mo) yie sεdeε m’ahoͻden betumi biara; na Onyankopͻn hͻ na me dwumadie no ho kwan kyerε wͻ, Ɔno na mede me ho to Nesoͻ, na Nehͻ na medane me ho kᴐ.”
  89. “Menkorͻfoͻ, momma ͻkoo a moreko tia me no nnyε ͻhaw mma mo mma deε εtoo Noa nkorͻfoͻ anaa Huud nkorͻfoͻ anaa Soalhu nkorͻfoͻ no sεso mmεto mo, na Lut nkorɔfoɔ no deε εne montεm kwan nnware koraa.”
  90. “Na monserε mo Wura Nyankopɔn hͻ bͻnefakyε, na afei monsakra moadwen nkͻ Nehͻ. Nokorε sε, me Wura Nyankopɔn yε Ɔdεεfoͻ Hene, na Ɔyε Ɔdͻ Wura
  91. Wɔ’kaa sε “Shuaib, yεnnte nsεm a woka no bebree ase, na yehu wo sε woyε (onipa a) woyε mmerε wͻ yεn mu. Sε εnyε w’abusuafoͻ a, anka yebesi wo aboͻ (aku wo) na wonni tumi bi detia yԑn
  92. (Shuaib) kaa sε “Menkorͻfoͻ, enti mode anidie ma m’abusuafoͻ kyεn Nyankopɔn ma εno nti moto no twene wͻ moakyi? Nokorε sε, dwuma a modie biara no me Wura Nyankopɔn atwa ho ahyia.”
  93. “Menkorͻfoͻ, monyε adwuma sεdeε moamamerε kyerε mo, na menso mereyε adwuma (sεdeε Onyankopɔn ahyε me), na yebehunu nea animguaseε asotwee no bԑto no, ne obi a ͻyε nkontompofoͻ; na monwεn, nokorε sε, meka moho ne mo rewεn
  94. Ɛberε a Y’ahyεdeε baeε no, Yε’de ahummכborͻ a efri Yεn nkyεn gyee Shuaib ne wɔn a w’agye adi aka neho no nkwa, na nteamu denden no sͻͻ wɔn a wɔ’di bɔne no mu, na (wɔ’wu) dedaa wᴐn afie mu
  95. (Yεε) sεdeε wɔ’ntenaa hͻ da. Enti Madiyanfoͻ no frii hͻ sεdeε Samuudfoͻ no frii hͻ no
  96. Ampa sε, Yε’de Yεn nsεnkyerεnee ne tumi pefee somaa Mose
  97. Maa no kͻͻ Farao ne nenhemfo no hͻ; nanso wɔ’dii Farao ahyεdeε so, aberε nso a na Farao ahyεdeε ntenee
  98. Wusɔreε da no ͻbedi nenkorͻfoͻ no anim de wɔn akͻ Ogya no mu. Na bea bɔne ne faako a yεde wɔn bεkͻ no
  99. Nnomee di wɔn akyi wͻ (wiase) woi mu, εna Wusɔreε da no (nso saa ara). Na akyεdeε bɔne paa ne akyεdeε a yεde bεkyε (wɔn saa Da no)
  100. (Nkכmhyεni), woi yε nkuro no ho abakͻsεm na Yε’rebͻ wo amaneε. (Nkuro no) bi daso wͻhͻ, ebi nso yatwa (wͻn) agu (anaasε yabͻ no korakora)
  101. Ɛnyε Yεn na Ye’dii wɔn amim, na mmom wɔn ara na wɔ’dii wɔn ho amim. Ɛberε a wo Wura Nyankopɔn ahyεdeε no baeε no, wɔn anyame no a na wɔ’fri Nyankopɔn akyi sufrε wɔn no ho amma wͻn mfasoͻ biara, na amfa nkͻsoͻ biara nso amma wͻn, na mmom ͻsεeε (na εde brεε wɔn)
  102. Saa ara na wo Wura Nyankopɔn asotwee no teε, sε Ɔretwe nkuro bi a wɔ’di bɔne no aso a, nokorε sε N’asotwee a Ɔde twe wɔn no yεya, na ano nso yε den papaapa
  103. Nokorε sε, adesua anaa nsεnkyerε-nee wͻ woi mu ma obi a osuro Daakye asotwee no. Saa Da no na yεbεboa nnipa nyinaa ano no, na saa Da no ne Ɛda a (ͻsoro asafo ne asaase so deε nyinaa) bεwͻ hͻ bie
  104. Deε nti Yεretwetwεn (Atemmuda no) soͻ no ne sε, εwͻ εberε a yεde ahyԑ
  105. Ɛda a εbεba no, onipa biara nnkasa, gyesε Nyankopͻn ma kwan. Wɔn mu bi bεyε tibͻnefoͻ εna (ebinom nso) bεyε tipafoᴐ
  106. Wͻn a wͻ’bεyε tibͻnefoͻ no deε wͻn wͻ Ogya no mu, na emu na wͻ’begu ahome kokoͻ adi apenesie
  107. Wɔ’bεtena (Ogya no) mu wͻ mmerε tenten sεdeε ͻsoro ne asaase wͻ hͻ, gyesε wo Wura Nyankopͻn pε. Nokorε sε, wo Wura Nyankopɔn ne (Otumfoͻ a) Ɔyε deε Ɔpԑ
  108. Wͻn a wͻn ti ayε yie no nso wͻ Soro aheman no mu, emu na wᴐ’bεtena wͻ mmerε tenten sεdeε ͻsoro ne asaase wͻ hͻ, gyesε wo Wura Onyankopɔn pε; (εyε) akyεdeε a enni awieε
  109. Enti εmma w’adwen nnyε wo ntanta fa deε (abosomsomfoͻ) woi nom resom no ho. Wͻ’nnsom hwee, na mmom deε na wɔn agyanom som no kane no ara. Nokorε sε, Yε’betua wͻn kyεfa no so ka pεpεεpε ama wͻn a εso nnte koraa
  110. Ampa sε, Yε’de Nwoma no maa Mose, nanso nkyinyeε baa ho. Sε εnyε sε asεm no adikan afri wo Wura Nyankopᴐn hͻ a, anka yadi wᴐn ntεm asεm no. Nokorε sε wͻn adwen yε wͻn ntanta na wͻn adwen nnsi pi wͻ ho koraa
  111. Nokorε sε, wo Wura Nyankopɔn betua wͻn mu biara dwumadie so ka (ama no) pεpεεpε. Nokorε sε, N’ani tua dwuma a wͻ’die nyinaa
  112. Enti (Nkͻmhyεni), wone wͻn a w’asakra wͻn adwen aka woho no nyina pintinn sεdeε yahyε woͻ no. Na monhwε na moanni bͻne. Nokorε sε, deε moyε biara no Ohu
  113. Monhwε na moanfa moho anto wͻn a wͻ’di bͻne no so, (sε εba sa a) Ogya no bεnya mo; (na sε εba sa a) Onyankopͻn akyiri no monnya okyitafoͻ anaa ͻboafoͻ biara
  114. Enti frε Nyame wͻ adekyeε mfitiaseε ne n’awieε hͻ, εna anadwo dͻnhwere no mu bi nso. Nokorε sε, papayε pepa bͻne. Woi yε afutusεm dema nkaekaeεfoͻ no
  115. Na si aboterε, na nokorε sε Onyankopɔn mma apapafoͻ no akatua nnyε kwa
  116. Sε na adwendwenfoͻ bi wͻ awoͻ ntoatoasoͻ a edii moanim kan no mu na wᴐ’bra (amanfoͻ) nsεmmᴐne die wͻ asaase soͻ a, (nanso na ebi nnihͻ), gyesε kakraabi a na wͻn wͻ wͻn a Yε’gyee wɔn no mu. Wͻn a wͻ’dii bͻne no dii wiase yi mu anigyedeε akyi. Na wͻ’yε abͻneεfoͻ
  117. Ԑmma sε wo Wura Nyankopɔn de bͻne bεsεe kuro bi wͻ aberε a emufoͻ no yε apapafoͻ
  118. Sε εyε wo Wura Nyankopɔn pε a, anka Ɔbεyε nnipa nyinaa ͻman baako. Na akyinyeε deε wͻ’nnyae gyeε da
  119. Gyesε obi a wo Wura Nyankopͻn ahu no mmͻbͻ; na woi ho nti na Ɔbͻͻ wͻn. Na wo Wura Nyankopͻn asεm no ahyε mma sε: “Mεka Jinni ne nnipa abom (de wͻn) ahyε Amanehu gya no mma.”
  120. Asomafoͻ no amaneε nyinaa a Yε’de abͻ woͻ no, sεdeε Yε’de bεma w’akoma agyina pintinn nti. Na wanya nokorε no nso afri woi mu, na (ayε) afutusεm ne nkakaeε nso ama agyidiefoͻ no
  121. Ka kyerε wͻn a wͻ’nnye nnie no sε: ”Modeε monyε moadwuma sεdeε moamamerε kyerε mo, nokorε sε yεn nso yεreyε adwuma (sεdeε Nyankopͻn ahyε yεn)
  122. “Na montwεn na nokorε sε yεn nso yεretwεn”
  123. Ɔsoro ne asaase so ahuntasεm wͻ Nyankopͻn, Nehͻ na dwumadie nyinaa kͻwie. Enti som no, na fa woho to Noso. Na wo Wura Nyankopͻn werε mfirii anaa Ommu N’ani nguu dwuma a modie so