12.Joseph

  1. Alif - Laam - Raa. Woi yε nsεm a efri Nwoma (a ԑkyerԑkyerԑ nokorԑ mu) pefee no mu
  2. Nokorε sε, Y’asiane Qur’aan (wͻ) Arab (kasa mu) sεdeε mobεte aseε
  3. (Nkͻmhyεni), Yε’nam saa Qur’aan yi adiyisεm a Y’ayi ama woͻ no so reka abakͻsεm pa paa akyerε wo; na kanee no na anka woka wͻn a wͻ’nnim ho hwee no ho
  4. Kae εberε a Yosef ka kyerεε ne papa sε: “Agya, nokorε sε, m’ahunu nsoromma du baako, ne awia ne bosome (wͻ daeε mu); mehunuu wͻn sε wͻ’rebrε wͻn ho ase ama me
  5. (Ne papa) kaa sε: “Me ba, hwε na w’annka wo yikyerε yi ankyerε wo nnuanom, efrisԑ anhwε a na wͻn apam woho apam bͻne. Nokorε sε, ͻbonsam yε ͻtamfo pefee dema ͻdasani
  6. Saa ara na wo Wura Nyankopͻn beyi woͻ, na W’akyerε wo daeε nkyerεaseε, na Ɔde N’adom awie wo soᴐ, ne Yakobo asefoͻ no soᴐ, sεdeε Ɔde wiee w’agyanom Abraham ne Is’haq so kanee no. Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Onim biribiara, Ɔne Onyansafoͻ
  7. Nokorε sε nsεnkyerεnee (ne adesua ne afutusεm) wͻ Yosef ne nenuanom (abakᴐsεm) no mu dema wͻn a wͻ’bisa (ho asεm no)
  8. Ɛberε a (Yosef nuanom) kaa sε: “Ampa sε yεn papa pε Yosef ne nenua (Benyamin) asεm kyεn yεn, aberε nso a yεne fekuo a yεn ho yε den. Nokorε sε yε’papa wͻ mfomsoͻ pefee paa mu “
  9. (Yosef nuanom kaa sε): “Monkum Yosef anaasε monkͻto no ntwene asaase bi so sεdeε mopapa ani ne n’adwen bεba monko ara soͻ, na εno akyiri no (sε monya adwen sakra a) mobεyε apapafoͻ
  10. Wͻn mu kasamafoͻ no kaa sε: “Sε mobεyε a, εneε εmma monkum Yosef, na mmom monfa no nto abura amena (donkodonko) mu na akwantufoͻ a wͻ’retu kwan bi bεba abεfa no “
  11. (Ɛberε a Yosef nuanom pam netri so wieε, na wͻ’baa fie no), wͻ’kaa sε: Yε’papa, adεn na wonfa Yosef nhyε yε’nsa, aberε nso a yε’pε no yie die?”
  12. “Ɔkyena ma no ne yεn nkͻ na ͻnkͻ gye n’ani na oni agorͻ, na nokorε sε, yε’bεhwε no so yie “
  13. (Ya’aquub) kaa sε: “Nokorε sε, sε mode no kͻ a mewerε bεho papaapa, na mesuro nso sε anhwε a na pataku bi akͻkye no awe wͻ εberε a moani nni nesoͻ
  14. Wͻ’kaa sε: “Aberε a yεyε nnipa kuo a yεho yεden yi (na y’antumi ammͻ neho ban) na pataku kye no we a εneε na εyε nokorε a esi pi sε yε’yε berεguofoͻ
  15. Enti εberε a wͻ’de no kͻeε na wͻn nyinaa gye too mu sε wͻ’de no bεto abura amena (donkodonko) no mu no, Ye’yi kyerεε no (Yosef) sε: “(Nyame pε a daakye bi) nokorε sε, wobεbͻ wͻn, wͻn saa asεm yi ho amaneε wͻ aberε a (saa berε no) wͻ’nnhu (sε wone Yosef)
  16. Wͻ’de osuu baa wͻn papa hͻ anyumerε
  17. Wͻ’kaa sε: “Yε’papa, yε’kͻdii akansie, na ye’gyaa Yosef (maa no tenaa) yεn nneεma ho εna pataku akye no aweε; εwom sε nokorε na yεreka no, nanso wonnye yεn nni.”
  18. Wͻ’de n’atade-soroͻ a nkontompo mogyaa wͻ mu bae. (Ya’aquub) kaa sε: “Daabi, moara moadwen na mode anwene (sε pataku akye no); nanso aboterε na εyε. Onyankopͻn mmoa na εsεsε yεhwehwε fa nkontomposεm a morekyerε no ho.”
  19. Akwantufoͻ bi bae (beduruu faako a Yosef wͻ no a wͻ’repε nsuo), enti wͻ’somaa nea ͻma wͻn nsuo, na (ͻbaa deε abura no wͻ no), ͻberεε ne dwaasεn no ase (detoo abura no mu). Ɔkaa sε: “Anigyesεm, Abͻfra bi nie!” Na wͻ’de Yuusuf siεe tesε nneεma bi. Na Onyankopͻn ne deε wͻn yͻeε no nyinaa ho Nimdefoͻ
  20. Wͻ’tͻn Yuusuf adefodeε de no gyee Dir’ham kakraabi. Na wͻ’mmu no sε ͻyε hwee mpo
  21. Misrimni a ᴐtᴐᴐ no no ka kyerεε neyere sε: “Fa obuo ma no wͻ asetena mu, ebia yebenya neho mfasoͻ anaasε yε’bεfa no ayε yεn ba”. Saa ara na Yε’de Yosef tenaa asaase no so, sεdeε Yε’bεkyerε no nsεm aseε. Onyankopͻn wͻ tumi wͻ N’ahyεdeε nyinaa so, nanso nnipa pii nnim
  22. Ɛberε a Yosef nyini duruu ne mpanin berԑ mu no, Yε’maa no adwen ne nimdeε; na saa ara na Ye’tua wͻn a wͻ’yε papa no ka
  23. Ɔbaa no a Yuusuf wͻ ne fie no pεε sε ͻdaadaa no ma ͻde neho ka no; ͻtotoo apono mu kaa sε: “Yε ntεm bra bεtͻ me mu (anaasε meda hͻ ma wo)”. Yosef kaa sε: “Onyankopͻn mpa ngu. Nokorε sε, (wokunu) ne mefie wura. Wayε m’asetena mu yie ama me (enti menni no hwammͻ da). Nokorε sε, abͻneεfoͻ no deε wͻ’nni nkonim “
  24. Nokorε sε (ͻbaa) no twi pinii no, na anka ͻno nso de neho bεma no sε εnyε sε ohunuu nsεnkyerεnee bi wͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ a. Saa ara na εteε, sεdeε Yε’beyi no afri bͻne ne ahohwi bra mu. Nokorε sε ͻka Yε’nkoa a Ya’tu wͻn asihͻ no ho
  25. Wͻn mmienu tuu mmirika baa pono no ho, na ͻbaa no tee Yosef atade-soroͻ mu wͻ n’akyi. Na wͻn mmienu hunuu ͻbaa no wura (okunu) wͻ ͻpono no ano. Ɔbaa no kaa sε: “Ɛdeεn akatua na εfata obia ͻpεsε ͻde wo yere fa kwan bͻne soͻ? Sε afiase anaa asotwee a εyε ya paa (na εfata no)?”
  26. (Yosef) kaa sε: “Ɔno mmom na ͻrehwehwε sε ͻdaadaa me sεdeε mede meho bεma no”. Ͻdanseni a ofri ͻbaa no abusuafoͻ mu dii adanseε sε: “Sε Yosef atadeε no tee wͻ n’anim a, εneε na ͻbaa no asεm no yε nokorε, na Yosef yε ͻtorofo “
  27. Na sε n’atadeε no tee wͻ n’akyi a, εneε na ͻbaa no yε ͻtorofo na Yosef yε nokwafoͻ
  28. Ԑberε a (Okunu no) hunuu sε Yosef atadeε no tee wͻ akyire no, ͻkaa sε: “Nokorε sε, mo mmaa no fidi sum no mu bi nie, nokorε sε mo mmaa mofidi sum mu yε den papaapa”
  29. (Okunu no kaa sε): Yosef, yi w’adwen fri (saa asεm) yi so; na wo (meyere), srε bͻne fakyε wͻ wo bͻne no ho, nokorε sε woka abͻneεfoͻ no ho”
  30. Kuro no mu mmaa kaa sε: “Aziiz yere redaadaa n’abarimaa (ne dͻnkͻ) ama no akͻ neho. Nokorε sε neho dͻ akͻ ne mu ama aboro so, ampa sε yehu no sε wayε mfosoͻ pefee”
  31. Enti εberε a ͻtee wͻn adwen a wͻn afa no ͻfrεε wͻn, εna osiesiee apontoͻ maa wͻn εna ͻmaa wͻn mu biara asekammaa (a wͻ’de betwitwa nnuaba no), ԑna ͻka kyerεε (Yosef) sε: “Pue bra mmaa no anim.” Ԑberε a wͻ’hunuu no no, wͻ’bͻͻ no kukuruba (εnam n’ahoͻfε nti) na (wͻn ahodwirie mu no) wͻ’twitwaa wͻn nsa, na asεm a wͻ’kaeε ne sε: “Kronkron Hene ne Nyankopͻn. Woi deε ͻnyε onipa. Nokorε sε woi yε Soro abͻfoͻ Nimuonyamfoͻ
  32. (Ɔbaa no) kaa sε: “Saa (abranteε) woi ho na morenunu me no, na m’ahwehwε sε mεdԑfԑdԑfԑ no ama no aba me ho, nanso wagyina pintinn sε ͻmpene. Na sε wannyε deε merehyε no no a, εneε sε εteε biara yεde no bεto afiase, na wakͻka wͻn a yagu wͻn anim aseε no ho
  33. Yosef kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, afiase no mepε kyεn deε wͻ’refrε me akͻ no. Na gyesε Woyi wͻn adwen bͻne no fri me so (efrisε) anhwε a na m’akͻdane meho ama wͻn na m’akͻka abagyimifoͻ no ho
  34. Enti ne Wura Nyankopͻn tiee nesufrε, na Oyii wͻn adwen bͻne no frii no so. Nokorε sε, Ɔne Mpaebͻ Tiefoͻ no, na Ɔno ara nso ne Onimdefoͻ no a Onim biribiara no
  35. Akyire yi afei wͻ’hunuu nsεnkyerεnee (a εkyerε sε onni fͻ wͻ asεm a ͻbaa no atwa ato no soͻ no ho) no, εyεε wͻn sε, wͻ’de no bεto afiase akosi εberε bi
  36. Afiase hͻ, ͻne mmeranteε mmienu bi na εkͻͻ hͻ. (Mmeranteε) no mu baako kaa sε: “Nokorε sε, mehunuu meho (wͻ daeε mu) sε, merekyi nsa”. Ɛna ͻfoforͻ no nso kaa sε: “Nokorε sε, mehunuu meho (wͻ daeε mu) sε, meso paanoo wͻ metri so na nnomaa redie“. Enti (Yosef) ma yεn nenkyerεkyerεmu. Nokorε sε yehu wo sε woka apapafoͻ no ho”
  37. (Yosef) kaa sε: “Mԑkyerԑ mo modaeԑ no ase ansa na yεde aduane a yεde bᴐ mo akͻnhoma no abrԑ mo. Woi ne deε me Wura Nyankopͻn akyerε me. Nokorε sε amanfoͻ no a wͻ’nnye Nyankopͻn nnie na wͻ’po Daakye (wusͻreε da) no, medeε menka nnipa a wᴐ’nnye Nyankopᴐn nnie na wᴐ’po Daakye no som no ho
  38. Medi m’agya Abraham, ne Is’haq ne Yakobo nom som no akyi. Yenni ho kwan sε yε’de biribiara bata Nyankopͻn ho. Woi ne Nyankopͻn adom a Ɔde adom yεn ne adasamma, nanso nnipa pii nnyi (Nyankopͻn) ayε
  39. M’ayͻnkofoͻ mmienu a mene mo da afiase, anyame a emu apaepae gu sononko-sononko no na εyε anaa, anaasε Onyankopͻn baako, Opumpuni a Ɔkorͻn kata biribiara soͻ no
  40. Mofri Nyankopͻn akyi som (nneεma a) mone moagya nom atoto wͻn din a Nyankopͻn nsianee ho tumi anaa nyinasoͻ biara. Atemmuo no Nyankopͻn na εwͻ no. W’ahyε sε, εmma monnsom (obiara) gyesε Ɔno nko ara. Ɛno ne ͻsom a edi mmu, nanso nnipa pii nnim
  41. M’ayͻnkofoͻ mmienu a mene mo da afiase, momu baako no bεkͻ akͻhwie nsa ama ne wura; na ͻbaako no deε yεbεbͻ no asennua mu, na nnomaa befri netri so adi (nenam). Asεm no a morepε ho nkyerεkyerεmu no saa na yahyehyε no”
  42. Yosef ka kyerεε wͻn mmienu mu nea onim sε ͻbenya nkwa no sε: ”Ɛyε a kae me kyerε wo wura no”. Nanso ͻbonsam maa no werε frii sε ͻbεkae no akyerε ne wura no. Enti ͻtenaa hͻ mfie kakra
  43. (Misrim) hene no kaa sε: “Nokorε sε, (mesoo daeε) hunuu anantwie akεseε nson a, anantwie nson a wͻn afonfͻn rewe wͻn, εna (mehunuu) aburoo mmono mmεtem nson, εna (nson) foforͻ bi nso a adwan. Nhemfo, sε motumi kyerε daeε ase a, εneε monkyerε me medaeε yi ase”
  44. (Nhemfo) no kaa sε: “(Woi yε) daeε a εkyere adwen anaasɛ adi afra; na yenni daeε nkyeraseε ho nimdeε”
  45. (Afiasefoͻ) mmienu no mu baako a yԑgyee no nkwa no, na mmerε tenten bi akyi ansa na ͻrekae (Yosef) no kaa sε: “Mεka (daeε no) asekyerε akyerε mo, enti monsoma me.”
  46. (Wͻ’somaa no kͻͻ afiase hͻ), Ɔkaa sε: “Yosef Nokwafoͻ, kyerε yεn anantwie akεseε nson a anantwie nson a wͻ’afonfͻn rewe wͻn, ne aburoo mono mmεtem nson, ne (nson) foforͻ nso a adwan nkyerεaseε, sεdeε mεsan akͻ amanfoͻ no hͻ (akͻbͻ wͻn amaneε) sεdeε wͻ’behu (wo gyinaberε ne daeε no ase)”
  47. (Yosef) kaa sε: “Monua (mfudeε) mfie nson, na (mfudeε) a mobetwa no mobegya no wͻ n’aburoo dua no ho, gyesε kakraa bi a mobedie
  48. Afei saa (berε no) akyi, (mfie) nson bi a emu yεden bεba abedi deε mo adikan de asie ama (saa berε) no, gyesε kakraa bi a morebͻ ho ban (de agu aburoo pata soͻ anaasɛ putuo mu)
  49. Afei εno akyiri no, afe a nsuo bεtͻ ama abu nnipa no soͻ nso bεba, na emu na wͻ’bekyi (nsa ne nnwo)”
  50. Ɔhene no kaa sε: “Monfa no merε me”. Nanso εberε a ͻsomafoͻ no baa Yosef hͻ no, ͻka kyerεε (ͻsomafoͻ) no sε: “San kͻ wo wura no hͻ na bisa no sε, εmmaa no a wͻ’twitwaa wͻn nsa no ho asεm te sεn? Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn Nim wͻn tri mu pͻ no (ho asεm)”
  51. (Ɔhene no) ka kyerεε (mmaa no) sε: ”Mo asεm ne sεn wͻ εberε a mopεε sε modaadaa Yuusuf no? “(Ɛmmaa) no kaa sε: “Kronkron hene ne Nyankopͻn, yennim ne ho bͻne biara“. Aziz yere no kaa sε: “Afei deε nokorε no ada adi. Me ara na mepεε sε me daadaa no sεdeε anka ͻde neho bεma me; na nokorε sε, ͻka nokwafoͻ no ho”
  52. (Yosef kaa sε: “Meyεε woi ho nhwehwε mu) sεdeε (Aziiz) behunu sε menii no hwammͻ wͻ kokoa mu. Nokorε sε, Onyankopͻn mmoa obia odi hwammͻ trimu pͻ (a wabͻ) so
  53. Mennyi me ho (sε me ho nni mfomsoͻ). Nokorε sε, onipa kraa no de ne ho ma bͻne, gyesε obi a me Wura Nyankopͻn ahu no mmͻbͻ. Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene”
  54. Ɔhene no kaa sε: “Monfa no merε me na menfa no mmata me ara meho”. Ԑberε a ͻne no kasaeε no, (ͻhene) no kaa sε: ”Nokorε sε εnnε da yi woka yεn ho wͻ gyinaberε a εsoo paa mu na yagye wo atum”
  55. (Yosef) kaa sε: “Fa asaase no so akoradeε hyε mensa, na mede nimdeε bεhwε so abͻ ho ban
  56. Saa ara na Yε’maa Yosef gyinaberε wͻ asase no so maa no nyaa mu tumi wͻ berε biara anaa baabiara ͻpε. Yε’de Y’ahummͻborͻ no dom obi a Yε’pε, na Yε’mma apapafoͻ no akatua nnyε kwa
  57. Na ampa sε, Daakye akatua no na εyε dema wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’suro Nyankopͻn
  58. Yosef nnuanom baa (Misrim) na wͻ’wuraa mu kͻͻ nehͻ, ͻhunuu wͻn, na wͻn deε na wͻ’nkae no
  59. Ԑberε a ͻhyehyεε wͻn nneεma no wieε no, ͻka kyerεε wͻn sε: “Ɛyε a monfa monua a ͻwͻ mopapa hͻ no mrε me. Monhunuu sε m’ahyε (mo nneεma) no ama ayε mma, na meyε obi a menim ahͻhosom paa?”
  60. Nasε moanfa no amma a εneε yεnhyε (aduane biara) mma mo wͻ menkyεn, na mommεn me nso
  61. Wͻ’kaa sε: Yε’bεbͻ mmͻden sε yε’benya ho kwan (ama no) wͻ nepapa hͻ, na yε’deε yε’bεyɛ
  62. (Yosef) ka kyerεε n’asomfoͻ no sε: “Monfa wͻn sika (a wͻ’de atua wͻn nneεma no ka) no nhyε wͻn nneεma no mu sεdeε wͻ’kͻ wͻn abusuafoͻ no hͻ a wͻ’behunu na wasan aba bio
  63. Enti εberε a wͻ’san kͻͻ wͻn papa hͻ no, wͻ’ka kyerεε no sε: “Papa, (sε yε’ne yenua Benyamin ankͻ Misrim a) yε’nhyε aburoo mma yεn. Enti ma yεne ye’nua no nkͻ na yεbεhyε ama yεn na nokorε nso sε yεbεhwε no so yie
  64. (Ya’aquub) kaa sε: “Menfa no nhyε monsa, εneε na mede no rehyε monsa (ama moayε no) sεdeε mede nenua dii kan hyεε monsa no ara. Onyankopͻn ne Ɔbanbͻfoͻ papa, Ɔne ahummͻborͻ mu Ahumͻborͻ Hene no”
  65. Ԑberε a wͻ’buee wͻn nneεma soͻ no, wͻ’hunuu sε yasan de wͻn sika no ama wͻn. Wͻ’kaa sε: “Papa, εdeεn na yεrehwehwε bio? Ye’sika no nie, yasan de ama yεn, na yεbenya aduane pii ama ya’busuafoͻ na yabͻ yenua no nso ho ban, na yanya yoma adesoa nsusueε baako bio aka ho. Woi yε adesoa a εyε mmrε (sε ͻhene no de bεma yεn)”
  66. (Ya’aquub) kaa sε: “Memma mo ne no nnkͻ, gyesε mode Nyankopͻn di nse kyerε me sε, mode no bεsan aberε me; gyesε (atanfoͻ) twa monyinaa ho hyia”. Ԑberε a wͻ’dii nse no, ͻkaa sε: “Onyankopͻn ne asεm a yεreka yi ho Kyitaafoͻ”
  67. Ͻkaa sε: “Memma, (sε moduru Misrim a), monhwε na (mo nyinaa) moanwura ͻpono baako mu, na mmom monfa apono sononko-sononko mu na enwura mu. Na meho mma mfasoͻ biara mma mo wͻ (adeε a) Nyankopͻn (ahyehyε ama mo) ho. Nokorε sε, atemmuo no deε Onyankopͻn na εwͻ no, na Neso na mede meho toͻ, na Nemu na wͻn a wͻn wͻ awerεhyemu no mfa wͻn werε nhyε Ne mu”
  68. Ԑberε a wͻ’wuraa (kuro no) mu sεdeε wͻn papa hyεε wͻn no, εso amma mfasoͻ biara amma wͻn antia deε Onyankopͻn (ahyehyε); mmom Ya’aquub no ara ahiasεm na ͻhyehyε (mmaa ne mma no). Nokorε sε, ͻwͻ nimdeε a emu dͻ a Y’akyerε no, nanso nnipa pii nnim
  69. Ɛberε a wͻ’wuraa mu kͻͻ Yuusuf hͻ no, ͻfaa nenua no baa nenkyεn ka kyerεε no sε: “Nokorε, mene wo nua (Yuusuf), na εmma wo werε nnho wͻ deε (yenuanom) yͻeε no ho”
  70. Ԑberε a ͻsiesiee wͻn nneεma no wieε no, ͻmaa wͻ’de kuruwa hyεε nenua no nneεma mu. Afei dawubͻni teaa mu sε: “Akwantufoͻ, nokorε sε moyε akorͻmfoͻ
  71. (Yosef noanom) danee wͻn ani kyerεε (Misrimfoͻ) no kaa sε: “Mo deεn na ayera?”
  72. Wͻ’kaa sε: “Yayera ͻhene kuruwa, na obi a ͻde bεba no benya (aburoo) yoma adesoa; na mena εyε m’asεde (sε mehyε dema saa nipa no)
  73. (Yosef nuanom) kaa sε: “Yεdͻ Nyame! Monim yie sε, y’amma ha ammedi nsεmmͻnee wͻ asaase yi so, na yεnyε akorͻmfoͻ nso”
  74. (Yosef asomfoͻ) no kaa sε: “Ɛneε (obi a yε’behunu kuruwa no wͻ ne hͻ no) asotwee bεn na εsεsε yεde ma no (sε εda adi) sε moyε nkontompofoͻ a?”
  75. (Yosef nuanom) kaa sε: “Ɛho asotwee no ne obi a yεbehunu (kuruwa no) wͻ ne nneεma mu, ͻno ara na εsεsε yεtwe n’aso. Saa ara na ye’tua ͻbͻneεfoͻ no so ka”
  76. Enti ᴐhyεε aseε (hwehwεε) wͻn nneεma no mu ansa na (ͻreba) nenua no nneεma mu. Afei oyii (kuruwa) no frii nenua no nneεma no mu. Saa pͻ yi na Y’εbͻ demaa Yuusuf. Ɛnyε (n’adwen) ne sε ͻde ne nua no bεkͻ akͻto (Misrim) hene no amaneε mu, na mmom sεdeε Nyankopͻn pε (na Yosef yͻeε no). Yε’ma obi a Yε’pε so de no gyina gyinaberε a εkorͻn. Nea Ɔboro nimdifoͻ nyinaa soͻ no ne Biribiara ho Nimdefoͻ (Nyankopͻn) no
  77. (Yosef nuanom) Kaa sε: “Sε wabͻ korͻno a, ampa sε ne nua bi dii kan bͻͻ korͻno”. Yuusuf desiee n’akoma mu, na wannyi no adi ankyerε wͻn. Ɔkaa sε: “Mowͻ gyinaberε bͻne paa mu, na Onyankopͻn na Onim deε morekyerε no”
  78. Wͻ’kaa sε: “Owura nimuonyamfoͻ, nokorε sε, (Benyamin) wͻ papa akͻkora posoposo (a ͻbedi neho awerεhoͻ) enti fa yεn mu baako hyε n’anan. Nokorε sε yehu wo sε woka (nnipa) papafoͻ no ho
  79. (Yosef) kaa sε: “Onyame mpa nngu sε yεbεfa obi foforͻ a εnyε nea yehunuu y’adeε no wͻ nehͻ. (Sε yεyε saa a) nokorε sε na y’ayε abͻnefoͻ
  80. Ԑberε a wͻn abamu buu wͻ neho no, wͻ’kͻtuu agyina wͻ kokoam. Wͻn mu panin no kaa sε: “Monim sε mode Nyankopͻn din mu adi nse akyerε mopapa, εna modii kan buu moani guu deε na εsεsε moyε ma Yosef soͻ? Enti mennfri asaase yi so kͻpem sε m’agya bεma me ho kwan ansa, anaasε Onyankopͻn bedi (m’asεm) ama me, na Ɔne atemmufoͻ no nyinaa mu Otemmufoᴐ papa paa no
  81. (Enti) monsan nkͻ moagya hͻ na monkͻka nkyerε no sε: “Y’agya, nokorε sε woba (Benyamin) abͻ korͻno, na deε yenim na yedi ho adanseε; na deε asuma no deε yanntumi ammͻ ho ban “
  82. Bisa kuro (Misrim) a na yε’wͻ mu no ne akwantufoͻ a yεne wͻn baeε no (na hunu sε), ampa sε nokorε na yεreka no“
  83. (Ya’quub) kaa sε: “Daabi, mo ara moadwen na mode ayε kanana, nanso aboterε na εyε. Ebia Nyankopͻn de wͻn nyinaa (Yuusuf, Benyamin ne Rubel) bεbrε me. Nokorε sε, Ɔne Onimdefoͻ no, Ɔne Onyansafoͻ no
  84. (Ya’aquub) danee neho frii wͻn ho kaa sε: “Ao, mewerεho a aho wͻ Yosef ho, na awerεhoͻ maa (nisuo taataa no) maa n’ani yεε fitaa, εnam awerεhoͻ nhyεsoͻ nti
  85. (Ne mma no) kaa sε: “Onyankopͻn! enti (agya), wonnyae Yosef ho adwendwen kosi sε εbεbͻ wo yadeε, anaa kͻpem sε wobewuo?”
  86. Ɔkaa sε: ”Onyankopͻn na mede m’akosεm ne m’awerεhoͻ to N’anim, na menim adeε a monnim wͻ Nyankopͻn hͻ.”
  87. (Ɔka kyerεε wͻn sε): ‘’Memma, monkͻ (Misrim) na monkͻbisa Yuusuf ne ne nua no ho asεm, na monhwε na moampa aba wͻ Nyankopͻn ahummͻborͻ ho, nokorε sε obi mpa aba wͻ Nyankopͻn ahummͻborͻ ho gyesԑ nnipa (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no
  88. Ԑberε a wͻ’kͻͻ (Yosef) hͻ no, wͻ’kaa sε: “Owura Nimuomyamfoͻ, ͻhaw paa ato yεn ne y’abusuafoͻ, na yεde sika kakraabi na aba, enti hyε (aburoo) ma yεn, na yε yεn adͻε. Nokorε sε Onyankopͻn ma wͻn a wͻ’yε adͻeε no akatua”
  89. (Yosef) ka kyerεε wͻn sε: ‘’Mokae deε mode yεε Yuusuf ne ne nua no wͻ aberε a na monnim (deε moreyε)?”
  90. Wͻ’kaa sε: ‘’Wone Yosef ampa anaa? Ɔkaa sε: ‘’Mene Yosef na woi nso ne me nua (Benyamin), nokorε sε Onyankopͻn ahu yεn mmͻbͻ. Nokorε sε obi a obesuro Nyankopͻn na ͻbesi aboterε no, nokorε sε Onyankopͻn mma apapafoͻ no akatua nnyε kwa
  91. Wͻ’kaa sε: ‘’Awurade Nyankopͻn! Nokorε sε, Nyankopͻn ayi wo, ama woso (wͻ animuoyam mu) akyεn yεn, na nokorε sε yε’yε abͻneεfoͻ “
  92. (Yosef) kaa sε: ‘’Kasa tia biara nni hͻ dema mo nnεda yi, Onyankopͻn de mo bͻne bεkyε mo. Ɔne ahummͻborͻfoͻ no mu Mmͻborͻhunu Hene no
  93. “Monfa m’atade-soroͻ yi na monkͻto ngu me papa anim εbama no ahunu (pefee). Na monfa mo abusuafoͻ no (nyinaa) mmrε me wͻ ha “
  94. Ԑberε a wͻn teaseεnam adwadi kuo no sii mu no, wͻn papa (Ya’aquub) kaa sε: “Mate Yosef ho pampan, sε mommu me sε nkͻkoraa-sεm (bi na meredie) a”
  95. (Ne fie hͻfoͻ no) kaa sε: ”Nokorε sε wowͻ wo tete mfomsoͻ no ara mu”
  96. Ɛberε a amanebͻfoᴐ no baeε no, ͻtoo (Yosef atadeε no) guu (Ya’quub) anim, na ohunui pefee. Ɔkaa sε: “Manka ankyerε mo sε, nokorε menim deε monnim wͻ Nyankopͻn hͻ?”
  97. (Ne mma no) kaa sε: “Y’agya, srε yεn bͻne ho bͻnefakyε (wͻ Nyankopͻn hͻ) ma yεn, na nokorε sε yεyε abͻneεfoͻ
  98. (Ya’quub) kaa sε: ‘’Mεsrε me Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε ama mo. Nokorε sε, Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ahummͻborͻ Hene no
  99. Ԑberε a (abusuafoͻ no nyinaa) baa Yosef hͻ no, ͻfaa n’awofoͻ baa ne ho εna ͻkaa sε: “Monfa abodweԑ nwura Misrim, sε Onyankopͻn pε a “
  100. Ͻpagyaa n’awofoͻ no wͻ akonwa no so, na wͻ’kͻͻ fͻm berεε wͻn ho ase maa no. (Yosef) kaa sε: ‘’M’agya, woi ne me dabi daeε no nkyerεaseε. Me Wura Nyankopͻn ama no ayε nokorε. Nokorε sε Ɔne me adi no yie wͻ εberε a Oyii me fri afiase, na Ɔde mo nyinaa fri εserε so de mo aba ha, wͻ akyire yi a ͻbonsam duaa ͻtan wͻ me ne me nuanom ntεm. Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn yε Ayεmyε Hene dema obia Ɔpε, nokorε sε Ɔne Onimdefoͻ no, Ɔne Onyansafoͻ no
  101. (Yosef tontom Nyankopͻn bͻͻ mpaeε sε): “Me Wura Nyankopͻn, ampa sε W’ama me ahennie, εna W’akyerε me daeε nkyerεaseε. Ɔsoro ne asaase Bͻfo, Wone me Kyitaafoͻ wͻ wiase ne Daakye no. Ma menwu sε Muslimini na fa me ka apapafoͻ no ho “
  102. (Nkͻmhyεni), woi yε ahuntasεm na Y’εreyi ama woͻ. Na na wonka wͻn ho wͻ berε a (Yosef nuanom) nyaa wͻn ho nteaseε na wͻ’bͻͻ wͻn pͻ bͻne no
  103. Nnipa pii nso nnye nni, sε wobͻ ho mmͻden sεn ara mpo a
  104. Na wommisa wͻn ho akatua nso; (Qur’aan) yε Nkaekaeε ne Afutusεm dema amansan nyinaa
  105. Nsεnkyerεnee dodoͻ sεn na εwͻ soro ne asaase so a wͻ’twa mu wͻ ho? Nanso wͻ’twi fa so
  106. Wͻn mu dodoͻ no ara na wͻ’nnye Nyankopͻn nnie, na mmom wͻ’yε (Nyame ho) mmatahoo
  107. Enti wͻn akoma atᴐ wᴐn yεm wᴐ Nyankopͻn asotwee a εmene (nnipa) a εreba wͻn soͻ no ho, anaa Dͻnhwere a εreba wͻn so mpofire mu nanso wͻ’nnim no ho
  108. (Nkͻmhyεni), kasε: “Woi ne me kwan. Mene wͻn a wͻ’ka me ho no de nimdeε pefee refrε (amanfoͻ) kͻ Nyankopͻn hͻ. Kronkron ne Animuonyam hene ne Nyankopͻn. Medeε menka abosomsomfoͻ no ho
  109. (Nkͻmhyεni), asomafoͻ a yεsomaa wͻn dii wanim kan no na wͻ’yε nnipa na Ye’yii Adiyisεm no maa wͻn, na wͻ’fri amanfoͻ a wͻn fri nkuro mu no mu. Enti wͻn nnante asaase no so nhwε sεdeε wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no awieε si wieε? Daakye fie no yε ma wͻn a wͻ’suro Nyankopͻn. Enti wͻ’nte asεm ase anaa
  110. (Wͻ’kͻͻ so tee atua) kosii sε asomafoͻ no paa aba maa wͻn adwen yεε wͻn sε, wͻn (amanfoͻ no) annye wͻn anni, afei na na Yε’mmoa no aba wͻn hͻ, na Y’agye obia Yε’pε nkwa. Na Y’asotwe no nnsan n’akyi wͻ nnipa bͻnefoͻ no so
  111. Ampa sε, adesua wͻ (Yosef ne nenuanom) abakͻsεm no mu dema mmadwemmafoᴐ no. (Qur’aan) nyε asεm a yabͻ yetrim (na atwerε), na mmom εyε (Nwoma a) εrehyε (Nwoma a) edii n’anim kan no mma, na εkyerεkyerε (biribiara) mu pefee, san yε kwan kyerε (Nwoma) ne ahummͻborͻ dema amanfoͻ a wͻ’gye die no