15.The Rock
- Alif – Laam – Raa. Woi yε Nwoma no mu nsεm no bi, ne Qur’aan a ԑda adi pefee no
- Mprε pii na wᴐn a wͻ’po nokorε no bεpε sε na anka wͻ’yε Muslimifoͻ
- (Wodeε) gyae wͻn ma wͻ’nidi na wͻ’nye wͻn ani, na wͻ’ma anidaasoͻ hunu nye wͻn adaagyeε na ԑnkyԑ wͻ’behunu
- Kuro biara a Y’asεe no no, na εwͻ εberε a yahyε ato hͻ a yenim (sε yεde bεsεe no)
- Ɛmma sε ͻman bi betumi ama ne berε (a ͻsεeε bεba ne soͻ no) aba animu anaa akͻ akyire
- Deε wͻ’ka ne sε: “Wo a yasiane Afutusεm (Qur’aan) yi ama woͻ no, nokorε sε w’abͻ dam !”
- “Sε woka nokwafoͻ no ho ampa a, adεn nti na womma soro abͻfoͻ mma yεn hͻ?”
- Yε’mma soro abͻfoͻ nnsiane, gyesε nokorε bi nti, na sε (soro abͻfoͻ ba wͻn hͻ a), εno deε wͻ’nnya ahomegye berε
- Nokorε sε, Yεn na Ye’sianee (Qur’aan) Afutusεm no, na nokorε sε, Yεn na Yε’bεbͻ ho ban
- Ampa sε, Yε’somaa asomafoͻ dii w’anim kan kͻͻ tetefoͻ mmusua kuo no hͻ
- Ͻsomafoͻ a ͻbaa wͻn hͻ biara no gyesε wͻ’di neho fεw
- Saa ara na Yε’ma (adwen bͻne) kͻwura abͻneεfoͻ no akoma mu
- Wͻ’nnye (Qur’aan) no nni, abrԑ a ampa sε tetefoͻ no (a wͻ’annye annie no) mfatoho bi abetwam
- Sε Yε’bue ͻsoro pono ma wͻn na wͻ’guso reforo kͻ mu mpo a
- Nokorε sε anka wͻ’bεka sε: “Woi deε yaniso bri yεn. Daabi, yε’yε nnipa a yεde konya bi na anya yεn“
- Ampa sε, Y’ayε nsoromma (akεseε) wͻ soro, εna Y’ama ayε fε ama wͻn a wͻ’hwε
- Ɛna Yε’bͻ ho ban fri ͻbonsam biara a yato no atwene (anaasε yapo no no nsam)
- Na mmom obia obewia (neho akͻ) tie no deε ogya frama pefee bedi n’akyi
- Asaase nso Y’atrε mu εna Yε’de mmepͻ a esisi hͻ pintinn asisi soͻ, εna Yε’ma nneεma ahodoͻ pii a εyε dε fifiri wͻ soͻ
- Ɛna Y’ayε deε ehia wͻ asetena mu ama mo, ne wͻn nso a εnyε mo na mobͻ wͻn akͻnhoma
- Biribiara ho akoradeε wͻ Yεn hͻ, na Ye’siane no wͻ nhyehyεε a yenim so
- Ɛna Ye’soma mframa a εkayan (mununkum), na Y’asiane nsuo afri soro de ama mo anom aberε a εnyε mo na mokoraa (nsuo) no
- Nokorε sε, Yεn na yεma nkwa εna Yekum, na Yεn na (sε mowu kͻ a, Ye’si mo anan mu) di adeε
- Nokorε sε Ye’nim momu (awoͻ ntotoa soͻ) a wͻ’dii kan no, εna ampa nso sε Yenim wͻn a wͻ’di akyire no
- Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn, Ͻno na Ɔbεboa wͻn (nyinaa) ano (wͻ Atemmuda). Nokorε sε, Ɔne Onyansafoͻ, Ɔne Onimdefoͻ
- Nokorε sε, Yε’bͻͻ onipa fri nεteε a awoͻ a εnee wͻ mu a efri atεkyε a yanwene mu
- Ɛna Jinn no nso Yedii kan bͻͻ no fri ogya kεterεma mu (ansa na yεrebͻ onipa)
- Kae εberε a wo Wura Nyankopͻn ka kyerεε Soro abͻfoͻ no sε: “Merebεbͻ onipa afri nεteε a awoͻ a εnee wͻ mu a efri atεkyε a yanwene mu”
- “Enti sε Menwene no pεpεεpε wie na Mehome Mehonhom gu ne mu a, monfa moho nkͻ fͻm na monfa moanim mmutu fͻm ma no
- Enti Soro abͻfoͻ no nyinaa bͻͻ mu de wͻn anim butuu fͻm (brεε wͻn ho ase) maa (Adam)
- Gyesε Ibliis, wampene sε ͻbεka wͻn a wͻ’de wͻn anim butuu fͻm (brεε wͻn ho aseε) no ho
- Nyankopͻn kaa sε: “Ibliis, εdeεn na εha woͻ a w’annka wͻn a wͻ’de wͻn anim butuu fͻm no ho
- (Ibliis) kaa sε: “Menyε obi a mede m’anim bebutu fͻm ama onipa a Wobͻͻ no fri nεteε a awoͻ a εnee wͻ mu a efri atεkyε a yanwene mu”
- Onyankopͻn kaa sε: “Ɛneε fri ha kͻ, nokorε sε, yato wo atwene (afri Nyankopͻn ahummͻborͻ no mu)
- Nokorε sε, Onyankopͻn nnomee wͻ woso kͻpem Akatua Da no
- Ɔkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, εneε na mame berε (anaasε enku me) kosi Da a yεbenyane awufoͻ no“
- Onyankopͻn kaa sε: “Woka wͻn a yama wͻn εberε no ho
- Kͻpem Dͻnhwere no a yenim“
- (Ibliis) kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, sεdeε W’ama me ayera yi deε, nokorε sε, mεma (bͻne) ayε wͻn fε wͻ asaase so, na m’ayera wͻn nyinaa
- Gyesε Wonkoa a wͻ’di nokorε a wͻn wͻ wͻn mu no “
- Onyankopͻn kaa sε: “Woi ne kwan tenenee a εwͻ Menkyεn no “
- “Nokorε sε, Menkoa no deε wonni tumi wͻ wͻn so, gyesε ayerafoͻ no a wͻ’bedi w’akyi no
- Nokorε sε, Amanehunu gya no ne bea a yεde ahyε wͻn nyinaa bͻ
- (Amanehunu gya no) wͻ apono nson, na εpono no mu biara wͻ (abͻneεfoͻ) sononko a yakyekyε (ama wͻn)
- Nokorε sε, Nyame-surofoͻ no wͻ Soro aheman a nsuo aniwa wͻ mu no mu
- (Yεbεka akyerε wͻn sε): “Monfa Asomdweε ne abotͻyεmu nwura mu”
- Yebeyi ͻyaw die afri wͻn akoma mu ama wͻn atena onua dͻ mu, ahwε wͻn ho wͻn ho anim wͻ ahennwa so
- Ɔberε biara nto wͻn, na yεmma wͻn mfri mu nso da
- (Nkͻmhyεni), bͻ Menkoa no amaneε sε, nokorε Mene Bͻnefakyε Hene no, na Me ara nso Mene Mmͻborͻhunufoͻ Hene no
- Nokorε nso sε, M’asotwee na εyε asotwee a ano yεya paa
- Fa Abraham ahͻhoͻ no ho amaneε no bͻ wͻn
- Ɛberε a wͻ’baa nehͻ no, wͻ’kaa sε: “Salaam (Asomdweε)! (Abraham) kaa sε: ”Nokorε sε yesuro mo”
- (Abͻfoͻ no) kaa sε: “Ennsuro, Yε’de abarimaa nimdefoͻ bi ho bͻhyε rebrε wo“
- (Abraham) kaa sε: “Mode (awoͻ) ho bͻhyε rebrε me wͻ aberε a m’abͻ akͻkora? Ɛdeεn bͻhyε na mode rehyε me yi?”
- (Abͻfoͻ no) kaa sε: ”Nokorε bͻhyε na yεde hyε woͻ no, enti hwε na w’ankͻka wͻn a wᴐn abamu abuo no ho“
- (Abraham) kaa sε: ”Ayerafoͻ no mmom na wͻnya wͻn Wura Nyankopͻn ahummͻborͻ no ho abamubuo”
- Obisaa wͻn sε: “Asomafoͻ, na moamaneε (paa) ne sεn
- Wͻ’kaa sε: “Y’asoma yεn wͻ nnipa bͻnefoͻ bi hͻ (sε yεnkͻ sεe wͻn)
- Mmom Lut abusuafoͻ no deε yε’bεgye wͻn nyinaa nkwa
- Gyesε neyere: Y’ahyehyε sε ͻbεka wͻn a wͻ’bεka akyire no ho”
- Ԑberε a Abͻfoͻ no baa Lut nkorͻfoͻ no hͻ no
- Ɔkaa sε: ”Nokorε sε moyε nnipa bi a menni mo, (anaasε moyε ahͻhoͻ”)
- Abͻfoͻ no kaa sε: ”Daabi, yεde (asotwee) a wͻn adwen nnsi wͻn pi wͻ ho no na yεde aba wo hͻ
- Nokorε na yεde abrε woͻ no, na ampa sε nokorε na yεreka no
- Enti fa w’abusuafoͻ no tu kwan anadwo, na di wͻn akyi, na hwε na momu biara antwa n’ani anhwε n’akyi, na mmom monkͻ faako a yahyε mo (sε monkͻ) no
- Yε’maa no hunuu saa nhyehyεε no sε, saa nkorͻfoͻ no akyiri akwan bεyera anͻpa tutuutu
- Kuro no mu foͻ no de anigyeε bae
- Lut kaa sε: ”Nokorε sε woi nom yε m’ahͻhoͻ enti monhwε na moangu m’anim ase (wͻ wͻn anim)
- Na monsuro Nyankopͻn, na monngu m’anim ase.“
- Wͻ’kaa sε: “Yε’mraa wo sε gyae nnipa (ahͻho gyeε?”)
- Lut kaa sε: ”Sε mobεyε saa deε a εneε memma mmaa nie “
- (Nkͻmhyεni), Mede wonkwa di nse sε, nokorε, na wͻn wͻ anifira nsaborͻ mu redi akͻneaba
- Enti nteamu denden no sͻͻ wͻn mu awia pue berε
- Na Yε’danee (Sodom kuro) no ani butuu no, na Yε’tͻͻ aboͻ nsuo a efri Sijiil mu guu wͻn so
- Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma wͻn a wͻ’hunu adeε (anaa wͻ’dwen, anaa wͻ’de betu wͻn ho foͻ)
- Nokorε sε, (na saa nkuro no) wͻ, (efri Maka rekͻ Siria) ͻkwan tempͻn a εdaso wͻhͻ no so
- Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema agyidiefoͻ no
- Na ‘Ayikat’ anaasε nkorͻfoͻ a na wͻ’te Nnua mu no nso yε abͻneεfoͻ
- Enti Ye’tuaa wͻn dwumadi bͻne no so ka. Wͻn mmienu no nyinaa wͻ ͻkwan tempͻn pefee no so
- Abotan no mu foͻ no nso anye asomafoͻ no anni
- Yε’de Yεn’sεnkyerεnee nso maa wͻn, nanso wͻ’danee wͻn ho frii ho
- Na wͻ’dwidwa (anaasε wͻ’bͻne) mmepͻ no mu deyε afie anaasε atenaeε wͻ abodweε mu
- Nanso asotwee no too wͻn anͻpa tutuutu
- Deε wͻnsa kaeε no ho amma mfasoͻ amma wͻn
- Yε’de nokorε na εbͻͻ ͻsoro ne asaase ne deε εwͻ ne mmienu mfinfii no. Nokorε sε Dͻnhwere no reba, enti (Nkͻmhyεni), bu w’ani gu (ͻhaw ne ateeteε a boniayεfoͻ no de redi mo no) so wͻ ahummͻborͻ ne bͻne fafri mu
- Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ne Ɔbͻͻ adeε no, Ɔne Onimdefo no
- Ampa sε Y’ama wo ‘Sab’al Masaani’ Nsεm pͻ nson a yεtaa kenkan de bͻ Nyankopͻn abodin εna Qur’aan Kεseε no
- Na hwε na w’anyε aniwᴐmu wͻ deε Yε’de ama wͻn mu (nnipa) sononko-sononko no ho, na εmma wowerε nso nnho wͻ wͻn ho, na brε wataban ase fama agyidiefoͻ no
- Na ka sε: “Nokorε sε, medeε meyε kͻkͻbͻni pefee
- Sεdeε Yε’siane demaa akuo-akuo no
- Wͻn a wͻ’akyekyε Akenkan Nwoma no mu, (gye εfa baabi die na wͻ’nnye baabi nnie) no
- Enti (Nkͻmhyεni), Mede wo Wura Nyankopͻn di nse sε, nokorε Yε’bebisa wͻn nyinaa
- Wͻ dwuma a na wͻ’die no ho asεm
- Enti pae mu ka deε yahyε woͻ no, na twe woho fri abosomsomfoͻ no ho
- Nokorε sε, Yεsom bo ma wo wͻ afεwdifoͻ no ho
- Wͻn a wͻ’ayε anyame foforͻ aka Nyankopͻn ho no, εnkyε koraa wͻ’behunu
- Ampa sε, Ye’nim yie sεdeε wͻ’rekeka no si fa ha wo wͻ w’akoma mu
- Enti wodeε bᴐ wo Wura Nyankopͻn abodin na kamfo no, na ka wͻn a wͻ’de wͻn anim butu fͻm no ho
- Na som wo Wura Nyankopͻn kͻpem sε (deε εda biribiara adi) pefee no bεba wo soͻ