19.Mary

  1. Kaaf-- Haa—Yaa – Ain-- Soaad
  2. (Woi yε) nkaebͻ fa ahummͻborͻ a wo Wura Nyankopͻn de huu N’akoa Zakariya mmͻbͻ
  3. Ɛberε a osu frεε ne Wura Nyankopͻn wͻ kokoa mu no
  4. Ɔkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, mehonam mu nnompe nyinaa ago, na me tri nwii nso ahura dwono fitaa, na su a mesu frε Woͻ no mu biara nnihͻ a, ansi me yie
  5. Na mesuro menkorͻfoͻ a εwͻ m’akyi; me yere nso ayε bonini, enti dom me kyԑ me (ba anaasε) okyitaafoͻ a ofri Wo hͻ
  6. a, obedi m’adeε na w’adi Yakobo asefoͻ adeε. Me Wura Nyankopͻn, yε (saa abͻfra a Wode no bεma me) no obia Wogye no to mu “
  7. (Soro abɔfoɔ kaa sɛ) “Zakariya, Yε’de abarimaa bi rehyε wo bͻ, yεfrε no Yah’ya (Yohane) Yenii kan ntoo obi din te saa “
  8. Zakariya kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, εbεyε dεn na manya ba aberε a meyere yε bonini, nokorε mu me nso manyin abᴐ akͻkora?”
  9. (Ɔbɔfoɔ no) kaa sε: “Saa (ara na εbεyε). Wo Wura Nyankopͻn se: “Ɛyε mmrε ma Me, nokorε sε Medii kan bͻͻ wo a, (saa berε no) na wonyε hwee“
  10. Zakariya kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, ma me (ho) nsεnkyerεnee. (Onyankopͻn) kaa sε: Wo nsεnkyerεnee ne sε, (εwom sε) wote apͻ deε, nanso wo (nntumi) nkasa nnipa ho nnansa
  11. Enti opue fri pie no mu baa ne nkorͻfoͻ no hͻ, na ͻde nsεnkyerεnee kasa kyerεε wͻn sε: “Momͻ (Nyankopͻn) abodin anͻpa ne anyumerε “
  12. Yahaya, fa ahoᴐden sᴐ Nwoma no mu; na Yԑ’maa no adwen wᴐ ne nkᴐdaa berԑ mu
  13. San (maa no) nti mmͻborͻ akoma a efri Yεn hͻ, san yԑԑ no (nipa) kronkron; na ͻyε obi a osuro Nyame
  14. Na ͻyε ayεmyε ma n’awofoͻ, na ͻnyε ahomasoͻ (nipa, anaa) asobrakyeε
  15. Asomdwiε wͻ ne so wͻ εda a yε’woo no, εne da a owuiε ne εda a yεbenyane no aba nkwa mu
  16. Na kae Mar’yam nso (ho asԑm) wͻ Nwoma no mu. Ɛberε a ͻtwee ne ho frii n’abusuafoͻ ho kͻͻ apueɛ fam hͻ baabi
  17. Ɔfaa ntware mu twaree ͻne wͻn ntεm, ɛna Yε’somaa Yε’honhom baa ne hͻ bεdaa ne ho adi kyerεε no tesε onipa sεso pεpεεpε
  18. Mar’yam kaa sε: “Mehwehwε Ahummͻborͻ Hene no hͻ ntwitwagyeε wͻ wo ho, sε woyε Nyamesuroni a
  19. (Ɔbͻfoͻ no) kaa sε: “Medeε meyε wo Wura Nyankopͻn bͻfoͻ; (W’asoma me) sε menfa abarimaa kronkron bi mεkyε wo “
  20. Mar’yam kaa sε: ”Ɛbεyε dεn na manya abarimaa aberε a ͻbarima mfaa neho nkaa me, na menyε odwammanfoͻ nso
  21. (Ɔbͻfoͻ no) kaa sε: “Saa ara na (εbεyε); wo Wura Nyankopͻn aka sε: “Ɛyε mmrε ma Me. Sεdeε Yε’bεyε no nsεnkyerεnee ne ahummͻborͻ a efri Yεn hͻ ama nnipa. Ԑyε asεm a yahyehyε awie”
  22. Enti (Mar’yam) nyinsεn (abͻfra) no; na ͻtwee ne ho de (nyinsεn) no kͻͻ akyirikyiri baabi
  23. Awoͻ yeaa no de no kͻͻ akyiresua dua bi ho. Ɔkaa sε: “Ɛkaa menko a anka medii kan wui ansa na (asεm) woi (reba), anka yεwerε afri me koraa”
  24. Enti (εnee bi) fri n’ase frεε no sε: “Ɛmma wo werε nnho, wo Wura Nyankopͻn ayε asuwa bi wͻ wa’se hͻ
  25. Woso akyiresua dua no bra wa’nim na akyiresua aba foforͻ a abereε bεte atͻ wo so
  26. Di, na nom na ma w’ani nye. Sε wohu onipa biara a, ka sε: “Mahyε Ahummͻborͻ Hene no akͻmkyene ho bͻ, enti mennkasa onipa biara ho nnε“
  27. Mar’yam faa (abͻfra) no de no baa n’abusuafoͻ hͻ. “Wͻ’kaa sε: “Nokorε sε wode awanwadeε aba (fie)“
  28. Aaron nua baa, na wopapa nyε onipa bͻneni, εna wo maame nso nyε (ͻbaa) dwamanfoͻ
  29. Enti Mar’yam (de nensa) kyerεε (abͻfra) no so. Wͻ’kaa sε: “Ɛbεyε dεn na y’atumi ne akokoaa a ͻda tanaa mu akasa? “
  30. (Yesu) kaa sε:” Nokorε meyε Onyankopͻn akoa. Ɔde Nwoma no ama me, εna W’ayε me nkͻmhyεni
  31. Ɛna W’ahyira me wͻ baabiara a me wͻ biara, εna W’ayε Nyamefrε ne Zaka no nso nhyε ama me wͻ mmerε tenten a mete aseε
  32. Ɛna (Onyankopͻn ahyε me sε menyε) ayεmyε ma me maame, na Wammͻ me (obi a meyε) ahomasoͻ anaa tibͻneni
  33. Asomdweε wͻ me so wͻ εda a yεwoo me, ne εda a mewuo ne εda a yεbenyane me aba nkwa mu bio
  34. Saa na Mar’yam ba Yesu no ho asεm no teε. (Woi ne Yesu ho) nokwasεm no a wͻ’regye ho akyinyeε no
  35. Ɛmfata mma Nyankopͻn sε Ͻwo ba. Kronkron Hene ne no. Sε Ɔhyehyε biribi a, deε ͻka kyerε adekorͻ no ara ne sε: “Yε! na ayε “
  36. (Yesu kaa sε) : “Nokorε, Onyankopͻn ne me Wura, εna Ɔyε monso mo Wura, enti monsom no. Woi ne kwan tenenee no
  37. Nanso ntotoo bεtͻͻ akuo no ntεm (wͻ Yesu ho); enti due nka (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no, wͻ Da kεseε no nhyiamu no ho
  38. Sεdeε wͻ’besi ahunu adeε kann ate asεm kann wͻ Ɛda a wͻ’bεba Yεn hͻ no, nanso abͻneεfoͻ no wͻ ͻyera pefee mu nnε
  39. Enti (Nkͻmhyεni), bͻ wͻn kͻkͻ wͻ berεguo Da no ho, εberε a yεbedi asεm no awie no, nanso (seesei) w’abu wͻn ani agu so a wͻn nnye nnie
  40. Nokorε sε, Yεn na Ye’bedi adeε wͻ asaase no soͻ na Yεn hͻ na wͻn (nyinaa) bεsan aba
  41. Na kae Abraham (ho asԑm) wͻ Nwoma no mu. Nokorε sε na ͻyε nkͻmhyεni nokwafoɔ
  42. Ɛberε a ͻka kyerεε n’agya sε: “M’agya, adεn na wosom adeε a εnte (asεm) na enhunu (adeε) na entumi mma wo mfasoͻ biara
  43. M’agya, nokorε sε nimdeε aba me hͻ a ebi maa wo hͻ enti di m’akyi, na menkyerε wo kwan tenenee no
  44. M’agya, hwε na woansom bonsam. Nokorε sε ͻbonsam ate Ahummͻborͻ Hene no so atua
  45. M’agya, nokorε, mesuro sε anhwε a na asotwee bi fri Ahummͻborͻ Hene no hͻ abεsͻ wo mu, na wo akͻyε ͻbonsam yͻnko.”
  46. (Nepapa) kaa sε: ”Abraham, wompε m’abosom no? Sε woanyae (wonsεm keka ne wo nneyεε no) a, mesi wo aboͻ. Enti fri me so kͻ akyirikyiri seesei ara”
  47. Abraham kaa sε: ”Asomdweε nka wo; mεsrε me Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε ama wo. Nokorε sε Neyεm yε mame”
  48. M’atwe me ho afri mo ho, ne deε mofri Nyankopͻn akyi sufrε wͻn no, na mesu afrε me Wura Nyankopᴐn; na ebia mesufrε me Wura Nyankopᴐn a mesufrε no nnyε kwa
  49. Ɛberε a Abraham twee ne ho frii wͻn ho, ne deε wɔ’fri Nyankopɔn akyi som no ho no, Yε’maa no Is’haaq ne Ya’aquub, na Yε’yεε wͻn (mu) biara nkכmhyεni
  50. Na Yε’de Y’ahummͻborͻ dom wͻn, na Yε’maa amansan bͻͻ wͻn din pa
  51. Kae Mose nso wͻ Nwoma no mu. Nokorε sε na ͻyε (onipa) a yatu no asihͻ, na ͻyε Ɔsomafoͻ (san nso yε) nkɔmhyεni
  52. Yε’frεε no wͻ bepͻ (Sinai) nifa so hͻ, na Yε’maa no bεnee Yεn ne no dii nkutahoo
  53. Ye’fri Y’ahummͻborͻ mu dom no maa ne nua Aaron bεyεε nkͻmhyεni
  54. Kae Ishmael nso wͻ Nwoma no mu. Nokorε sε na odi nokorε wͻ bͻhyε no ho. Na ͻyε ͻsomafoͻ (san nso yε) nkͻmhyεni
  55. Na ͻhyε n’abusuafoͻ ma wͻ’frε Nyame san yi Zaka. Na (ͻyε nipa a) yagye no atom paa wͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ
  56. Kae Idriis nso wͻ Nwoma no mu. Nokorε sε na ͻyε nkͻmhyεni nokwafoͻ
  57. Yε’pagyaa no gyinaa gyinabrε a εkorͻn
  58. Saa nkorͻfoͻ yi na Nyankopͻn adom wͻn wͻ nkͻmhyεfoͻ no mu wͻ Adam asefoͻ no mu, ne wͻn a Yε’soaa wᴐn kaa Noa ho no mu, ne Abraham asefoͻ no, ne Israel (anaasε Yakobo asefoͻ no), ne wͻn a Yε’kyerɛε wͻn kwan, yii wͻn (wͻ adasamma mu no). Sε yεrekenkan Ahummͻborͻ Hene no Nsεm no kyerε wͻn a, wͻ’de wͻn ho kͻ fͻm de wͻn anim butu fͻm su
  59. Wͻn akyiri no, anaamusifoͻ bi besii wͻn anan mu a wͻ’buu wͻn ani guu Nyamefrε no soͻ, na wͻ’dii akͻnnͻ deε akyi. (Saa nkorͻfoͻ no) behyia ͻsεeε
  60. Gyesε wͻn a wͻ’bεsakra wͻn adwen na wͻ’agye adie, na wͻ’adi dwuma pa, saa nkorͻfoͻ no na wͻ’bewura Soro aheman no mu no, na yensisi wͻn wͻ hwee ho
  61. Aheman a εwͻ hͻ daa a, Ahummͻborͻ Hene no ahyε Nenkoa no ho bͻ a εwͻ kokoa mu no (emu na wͻ’bεtena). Nokorε sε Onyankopͻn bͻhyε bεyε hͻ
  62. Wͻ’nnte nsεmhunu wͻhͻ, gyesε Asomdwiε. Wͻ’benya wͻn akͻnhoma anͻpa ne anyumerε
  63. Saa na Aheman a Yε’de bεma Yεn nkoa no a wͻ’suroo Nyame no bedi adeε wͻ mu no siteε
  64. Yεn (Soro abͻfoͻ no) yensiane (mma asaase so) gyesε (εnam) wo Wura Nyankopͻn ahyεdeε so. Ɔno na deε εwͻ y’anim ne deε εwͻ y’akyi ne deε εwͻ ne mmienu mfinimfii (nyinaa) wͻ no. Wo Wura Nyankopͻn werε mmfi (hwee)
  65. Ɔsoro ne asaase ne deε εwͻ mfinmfii Wura (ne no), enti som no, na si abotrε wͻ Nesom no ho. Enti wonim obi a ͻne Nyankopͻn din sε
  66. Onipa ka sε: “Ɛberε a m’awuo, mεsan anyane aba nkwa mu bio?”
  67. Enti onipa nkae sε, nokorε sε Y’edii kan bͻͻ no aberε a na ͻnyε hwee
  68. Enti (Nkͻmhyεni), mede wo Wura Nyankopͻn di nse sε: “Yε’bεboa wͻn ne abonsamfoͻ no (nyinaa) ano, na Yε’de wͻn abetwa Ogya no ho ahyia wͻ (wͻn) nkotodwe so
  69. Ansa na ekuo biara mu no, Y’ayiyi wͻn a na wͻ’yε den te Ahummͻborͻ Hene no so atua no
  70. Nokorε sε Ye’nim momu wͻn a wͻ’fata sε yεhye wͻn wͻ (Amanehu gya no) mu
  71. Momu biara betwam wͻ hͻ. Woi yε nhyehyεε a εwͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ a εbԑyε hͻ
  72. Afei Yebeyi wͻn a wͻ’suroo Nyame no afri mu, na Y’agya abͻneεfoͻ no wͻ mu (wͻ wͻn) nkotodwe so
  73. Sε yεrekenkan Yεn nsεm pefee no kyerε wͻn a, wͻn a wͻ’nnye nnie no ka kyerε wͻn a wͻ’agye adie no sε: “Akuo mmienu yi (agyidiefoͻ ne kaafirfoͻ no) emu deε εwͻ hen na ekuta gyinabrε pa na (εwͻ) hyia-dan a edi mmu a abadwafoͻ papa paa wͻ?”
  74. Aman dodoͻ sεn na Ye’dii wͻn anim kan sεee wͻn a na wͻn wͻ nneεma pa ne nnipadua a εyε fε
  75. (Nkͻmhyεni), kasε: “Obi a ͻwͻ ͻyera mu no, Ahummͻborͻ Hene no ma no berε tenten ma no kosi sε wͻ’behu deε yabͻ wͻn ho kͻkͻ no, sε εyε asotwee no, anaasε Dͻnhwere no. (Ԑhͻ na) wͻ’behu deε ne gyinabrε nyε, na n’asraafoͻ (anaa nedͻm) nni ahoͻden
  76. Nyankopͻn de tenenee bεka wͻn a wͻ’anya kwankyerε no ho. Na dwumadi pa a (εho akatua pa) wͻ hͻ daa no, εno na εyε wͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ, na (εno nso na εwͻ) akatua (pa) ne awieε pa
  77. W’ahunu obi a ͻnnye Yεn Nsεm no nnie, na ͻkasε: “Yε’bεma me sika ne mma (wͻ mewuo akyi no)?”
  78. (Saa nnipa no) anya ahuntasԑm no ho nimdeε bi, anaasε w’anya Ahummͻborͻ Hene no hͻ bͻhyε bi
  79. Daabi, Yε’bεtwerε deε ͻka no (nyinaa), na Y’atwe asotwee no mu tenteenten ama no
  80. Na (newuo akyiri no) Yε’bedi n’adeε a ͻreka ho asεm no, na ͻno nko ara aba Yεn hͻ
  81. Wͻn afri Nyankopͻn akyi afa anyame foforͻ sεdeε wͻ’bεma wͻn tumi
  82. Daabi, (saa Da no wͻn anyame no) bεpo ͻsom a na wͻ’som wͻn no, na wͻ’bεyε atamfo atia wͻn
  83. Wonhunu sε Yε’soma abonsamfoͻ no ba boniayεfoͻ no so bεtoto gu wͻn asom bͻ wͻn ansͻn (ma wͻ’di bͻne)
  84. Enti εmpre woho wͻ wͻn ho; efrisε Y’abu (nna no) bu paa ama wͻn
  85. Ɛda a Yε’bεboa Nyamesurofoͻ no ano akͻ Ahummͻborͻ Hene no hͻ, tesε nnipa kuo bi a wͻ’rekͻgye animuonyam (anaa abasobͻdeε no)
  86. Yε’bεka abͻneεfoͻ no nso akͻ Amane-hunu gyem tesε nyεmmoa bi a sukͻm de wͻn na yεreka wͻn akͻ nsuo mu no
  87. (Saa Da no) obiara nni ntwitwagyeε ho tumi, gyesε obi a ͻne Ahummͻborͻ Hene no ayε apam (anaasε ͻne no ahyε bͻ)
  88. Wͻ’keka sε: ”Ahummͻborͻ Hene no wᴐ ba “
  89. Nokorε sε mode abususεm aba
  90. Ɔsoro reyε asunsuan wᴐ ho na asaase nso reyε apaepae ama mmepͻ nso abubu gͻsͻgͻsͻ
  91. Sε yabͻ ͻba din (anaasε wͻ’de awoͻ) asusu Ahummͻborͻ Hene no
  92. Ԑmfata mma Ahummͻborͻ Hene no sε ͻwᴐ ba
  93. Deε εwͻ soro ne asaase so no mu biara ba Ahummͻborͻ Hene no hͻ wͻ akoa din mu
  94. Nokorε sε, Nyankopͻn Nim wͻn dodoͻ, na W’akan wͻn kan paa
  95. Wusᴐreԑ da no wͻn mu biara nko ara na εbεba Nehͻ
  96. Nokorε sε, wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwumapa no Ahummͻborͻ Hene no de ͻdͻ bεma wͻn
  97. Enti Y’ayε (Qur’aan) no mmrε ama wo kεterεma, sεdeε wode bεhyԑ Nyame-surofoͻ no bᴐ, na wode bεbͻ wͻn a wͻ’reko tia dendeenden no nso kͻkͻ
  98. Awoͻ ntoatoasoͻ sεn na adi wͻn anim kan a Y’asεe wͻn? Wohunu wͻn mu baako mpo, anaasε wote wͻ’nka anaasε wͻn ho mpopoeε bi