26.The Poets
- Toaa – Siin -- Miim
- Woi yε Nsεm a efri Nwoma pefee no mu
- Ebia wo (de awerεhoͻ) bekum wo ho sε wͻ’nnyε agyidiefoͻ nti
- Sε Yε’pε a anka Yε’besiane nsεnkyerεnee bi fri soro aba wͻn so a εbεma wͻn kͻn aberε ase wͻ ahobraseε mu
- Afutusεm foforͻ biara a ebefri Ahummͻborͻ Hene no hͻ aba wͻn hͻ no gyesε wͻ’twi fa so
- Ampa sε wͻn apo (Asεm no); deε wͻ’dii ho fεw no ho asεm bεba wͻn so
- Anaasε wͻ’nhunuu nneεma papa ahodoͻ a Yε’ma no fifiri wͻ asaase no soͻ
- Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu, nanso wͻn mu pii nye nni
- Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn, Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no
- Kae εberε a wo Wura Nyankopͻn frεε Mose (ka kyerεε no) sε: “Kͻ amanfoͻ abͻneεfoͻ no hͻ
- Farao nkorͻfoͻ no. Enti wͻ’nnsuro Nyame?”
- Mose kaa sε: ”Me Wura, mesuro sε wͻ’bεbu me ͻtorofo “
- M’akoma nso sua, na mekεtrεma nso ntumi nkasa yie, enti soma Aaron (ma no ne me nkͻ)
- Na (Farao ne nenkorͻfoͻ) wͻ (awudisεm ho) bͻne bi tia me, enti mesuro sε wͻ’beku me”
- (Nyankopͻn) kaa sε: ”Ɛmma saa da. Mo mmienu monfa Yε’nsεnkyerεnee nkͻ. Nokorε sε, Yε’ka moho, Yε’te“
- Enti mo mmienu monkͻ Farao hͻ na monka sε: “Nokorε, yε’yε Abͻdeε nyinaa Wura no asomafoͻ
- Na ma Israel mma no ne yεn nkͻ
- Farao kaa sε: “Ɛnyε yεn mu ha ara na yεtetee wo ԑberԑ a woyԑ akͻdaa? Ɛna wode wo mfie pii tenaa yεn mu ha
- Ɛna woyεε wo neyεε a woyͻeε, εna wo kͻkaa boniayεfoͻ no ho “
- (Mose) kaa sε: “Meyεε no wͻ εberε a na meka wͻn a wayera no ho “
- “Enti medwane frii mohͻ wͻ aberε a na mesuro mo; enti me Wura Nyankopͻn adom ama me adwen, εna Ɔde me aka asomafoͻ no ho “
- “Woi ne adom a wode adom me a wodeka m’anim sε wode Israel mma ayε nkoa? “
- Farao kaa sε: ”Hwan ne Abͻdeε nyinaa Wura no?”
- Mose kaa sε: (Ɔne) ͻsoro ne asaase ne deε εwͻ ne mmienu ntεm no Wura no, sε moadwen si mopi a
- Farao ka kyerεε wͻn a wͻ’atwa neho ahyia no sε: “Moante? “
- Mose kaa sε: (Ɔne) mo Wura Nyankopͻn, ne moagyanom tetefoͻ no Wura Nyankopͻn no
- Farao kaa sε: “Nokorε sε mosomafoͻ no a yεsomaa no mo hͻ no abͻ dam paa “
- Mose kaa sε: “Apueε ne atͻeε ne deε εwͻ ne mmienu no ntεm no Wura Nyankopͻn no, sε mowͻ adwen ampa a”
- (Farao) kaa sε: ”(Mose), sε wofa nyame foforͻ bi ka meho a, ampa sε mede wo bεka wͻn a wͻ’da afiaseε no ho “
- Mose kaa sε: ”Nasε mede biribi pefee bi berε wo mpo a?”
- Farao kaa sε: “Ɛneε fabra, sε woka nokorεfoͻ no ho ampa a”
- Enti Mose too nepoma no (too fᴐm) na hwε, ͻwͻ pefee bi nie
- Oyii nensa na hwε, na ayε fitaa dema obi a ohunu
- Farao ka kyerεε nhemfo a atwa neho ahyia no sε :”Nokorε sε, woi yε nkoyaayini a onim de
- Ɔpε sε ͻde nekonyaa no beyi mo fri moasaase no soͻ, enti deεn na morehyε, (anaasε modwen sεn)?”
- Wͻ’kaa sε: “Ma ͻne ne nua no ntwεn, na soma dawubͻfoͻ ma wͻ’nkכ nkuro so
- Wᴐ’de nkoyaayifoͻ a wͻn aben paa na wͻ’nim de nyinaa bԑbrε wo”
- Enti nkoyaayifoͻ no behyiaa wͻ εda a wahyε a wͻ’nim no mu
- Wͻ’ka kyerεε amanfoͻ no sε: “Mo (nyinaa) moahyia?”
- ”Sεdeε yεbedi (Farao) nkoyaayifoͻ no akyi sε εkͻba sε wͻ’di nkonim a”
- Enti εberε a nkoyaayifoͻ no baeε no, wͻ’ka kyerεε Farao sε: “Sε εkͻba sε yedi nkonim a yε’benya akatua bi anaa?”
- Farao kaa sε: “Aane, εno deε na εyε nokorε sε mobεka wͻn a wͻ’bεn (me) no ho”
- Mose ka kyerεε wͻn sε: “Monto deε mobεtoͻ”
- Enti wͻ’too wͻn nhoma ne wͻn mpoma too fᴐm, na wͻ’kaa sε: “Farao tumi mu nti yεn na yεbedi nkonim!”
- Enti Mose nso too ne poma no na hwε, εmemeneee wͻn atorͻsεm a w’abͻ wͻn trim ayε no (nyinaa)
- Enti nkoyaayifoͻ no kͻͻ fͻm de wͻn anim butuu fͻm (maa Nyankopͻn)
- Wͻ’kaa sε: “Y’agye abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no adi
- Mose ne Aaron Wura Nyankopͻn no
- (Farao) kaa sε: “Moadikan agye no adi aberε a menya maa mo ho kwan? Nokorε sε, (Mose) ne mo panin a ͻkyerεε mo nkoyaa yie! Mobehunu. Metwitwa monsa ne monan abͻ no abira, na m’abͻ monyinaa asennua mu“
- Nkoyaayifoͻ no kaa sε: “Ɛnsεe hwee! Nokorε sε ye’Wura Nyankopͻn hͻ na yεbεsan akͻ”
- Nokorε, yε’wͻ awerεhyem sε, ye’Wura Nyankopͻn de yεn mfomsoͻ bεkyε yεn sε yεn ne nnipa a wͻn adikan agye adie “
- Y’eyi kyerεε Mose sε: ”Fa Menkoa no tu kwan no anadwo, na nokorε sε (Farao ne nenkorͻfoͻ) beti mo”
- Enti Farao somaa dawubͻfoͻ kͻͻ nkuro no so
- Sε: ”Nokorε sε saa nkorͻfoͻ yi yε dͻm kakraa bi
- Nanso nokorε sε, wͻ’hyε yεn abufuo
- Nokorε sε yε’yε ɛdͻm a yεdͻͻso na y’ada yεn ho so
- Enti Ye’yii wͻn frii turo ne nsuo aniwa ho
- Ne ahonyadeε ne animuonyam gyina berε (biara) mu
- Saa ara, na Yε’maa Israel mma no bedii wͻn adeε
- Enti wͻ’tii wͻn wͻ εberε a na awia apue
- Ԑberε a εdͻm mmienu no hunuu wͻn ho no, Mose nkorͻfoͻ no kaa sε: “Nokorε sε, (Farao ne nedͻm yi) bεto yεn “
- Mose kaa sε: “Ɛmma saa da! Nokorε sε, Me Wura Nyankopͻn ka me ho, Ɔbεkyerε me kwan “
- Enti Yeyi kyerεε Mose sε: “Fa wo poma no bͻ ͻpo no mu “. Na emu kyekyεe, na ne nkyekyεmu no mu biara bεyεε sε bepͻ kεseε bi
- Enti Yε’de ekuo baako no (Farao nkorͻfoͻ) no bεn saa bea hͻ
- Na Yε’gyee Mose ne wͻn a wͻ’ka neho no nyinaa nkwa
- Afei Yε’maa nsuo faa (ekuo) baako no
- Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu, nanso wͻn mu dodoͻ no ara na wͻ’nnye nnie
- Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn no Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Ahummͻborͻ Hene no
- Kenkan Abraham nso ho asεm no kyerε wͻn
- Ɛberε a ͻka kyerεε nepapa ne nenkorͻfoͻ no sε: “Ԑdeεn na moresom yi?”
- Wͻ’kaa sε: “Yε’som abosom, na yε’bεkͻso de yεn ho ama wͻn”
- (Abraham) kaa sε: ”Enti sε mosufrε wͻn a wͻ’tie mo?”
- Anaasε monya wͻn ho mfasoͻ anaasε ͻhaw bi?”
- Wͻ’kaa sε: “Daabi, nanso yε’bεtoo y’agya nom sε saa ara na na wͻ’reyε”
- (Abraham) kaa sε: “ Enti moahunu deε mosom
- Mone moagya nom tetefoͻ no
- Nokorε sε, wͻ’yε m’atamfo, gyesε Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no
- (Abͻdeε nyinaa Wura) no a Ɔbͻͻ me, Ɔno na ͻkyerε me kwan
- Ɔno na Ɔma me aduane die, na Ɔma me nsuo nom
- Sε meyare a Ɔno na Ɔsa me yadeε
- Ɔno na Ɔbεma me awuo na afei W’asan anyane me (afri owuo mu)
- Ɔno na me wͻ anidaasoͻ sε Ɔde memfomsoͻ bεkyε me wͻ Akatua da no mu
- Me Wura Nyankopͻn, mame nyansa, adwen ne nteaseε, na fa me ka apapafoͻ no ho
- Na ma nkyirimma no mmͻ me din pa
- Na fa me ka wͻn a wͻ’bedi adeε wͻ anigyeε Aheman no mu no ho
- Na fa m’agya bͻne kyε no, nokorε sε ͻka ayerafoͻ no ho
- Na engu m’anim ase wͻ Wusͻreε da
- Ɛda no a sika anaa ahonyadeԑ ne mma ho mma mfasoͻ no
- Gyesε obia ͻde akoma pa, anaa akoma a emu teε bεba Nyankopͻn hͻ no
- Na yε’de Aheman no bεbεn Nyamesurofoͻ no
- Na yεbeyi Amanehunu gya no adi akyerε ayerafoͻ no
- Yԑ’bԑka akyerε wͻn sε: “Deε na mosom no wͻ hen
- (Deε na mo) fri Nyankopͻn akyi (som wͻn no)? Wͻ’betumi aboa mo, anaasε wͻ’betumi aboa wͻn ara wͻn ho?”
- Na yε’bεto wͻn (abosom) no ne ayerafoͻ no ama wͻ’de wͻn ti adikan akͻ (Ogya no) mu
- Ne ͻbonsam asafo no nyinaa
- Ɛberε a wͻ’bεko wͻ (Ogya no) mu no wͻ’bεka sε
- “Yε’dͻ Nyame sε, na yεwͻ ͻyera pefee mu
- Ɛberε a yεde mo totoo Abͻdeε nyinaa Wura no ho no
- Ɛnyε obi na ɔyeraa yɛn, na mmom abͻneεfoͻ no ara na wͻ’maa yε’yeraeε
- Enti seesei yenni otwitwagyefoͻ biara
- Anaa yͻnkoͻ brεboͻ
- Sε yεrenya kwan asan akͻ y’akyi (wͻ wiase) bio a, anka yεbεka agyidiefoͻ no ho
- Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu, nanso wᴐn mu dodoͻ no ara nnye nni
- Nokorε sε wo Wura Nyankopᴐn ne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Ahummͻborͻ Hene no
- Noa nkorͻfoɔ no annye asomafoͻ no anni
- Ɛberε a wͻn nua Noa ka kyerεε wͻn sε: “Enti monnsuro Nyankopͻn na monnyε ahwεyie
- Nokorε sε meyε (Nyankopͻn) Somafoͻ nokwafoͻ ma mo
- Enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie ma me
- Memmisa (nsεmpa a mereka kyerε mo no) ho akatua, na mmom m’akatua deε εwͻ Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no hͻ
- Enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie ma me.”
- Wͻ’kaa sε: “Yεnye wo nni wͻ aberε a (nnipa mu) mpapahwekwa a wͻ’nni mmu na wͻ’di w’akyire?”
- Noa kaa sε: “Ɛdeεn nimdeε na mewͻ wͻ deε wͻ’yε ho
- Wͻn akontabuo deε me Wura Nyankopͻn hͻ na εwͻ, sε monim ampa a
- Medeε (Menni ho tumi sε) mεpamo agyidiefoͻ no
- Medeε nokorε (m’adwuma) nesε, meyε kͻkͻbͻni pefee”
- Wͻ’kaa sε: “Noa, sε woanyae (wofrε no a) nokorε sε wobεka wͻn a yesi wͻn aboͻ (ku wͻn) no ho
- (Noa) kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, menkorͻfoͻ no abu me ͻtorofoᴐ
- Enti bu me ne wͻn ntεm atεn, na gye me ne agyidiefoͻ no a wͻ’ka meho no (fri abͻneεfoͻ no nsam.)”
- Enti Yε’gyee no ne wͻn a wͻ’ka neho no nkwa wͻ nsuom hyεn a ayε mma no mu
- Afei Yε’maa nsuo faa nkaeε no
- Nokorε sε nsεnkyerεnee wɔ woi mu, nanso wᴐn mu dodoͻ no ara nnye nni
- ᴐNokorε ampa sε, wo Wura Nyankopͻn, Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no
- Aadfoͻ no annye asomafoͻ no anni
- Ɛberε a wͻn nua Huud ka kyerεε wͻn sε: “Adεn monnsuro Nyame
- Nokorε sε, meyε Ɔsomafoͻ nokwafoͻ ma mo
- Enti monsuro Nyame na monyε sotie ma me
- Memmisa mo (nsεmpa a mereka kyerε mo no) ho akatua, na mmom m’akatua deε εwͻ Abͻdeε nyinaa Wura no hͻ
- Mosisi adan akεseε wͻ mea mea a εhͻ korͻn wͻ akwan ho degye moani kwa (wͻ aberε a montena mu)
- Mosisi aban soroͻ a εyε fε nso ma moho tesε deε mobεtena mu afe bͻͻ
- Sε mosͻ (obi mu anaasε monsa ka obi a), mosͻ ne mu anaasε mone no di no wͻ atrimuͻden so
- Enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie mame
- Monsuro Nea Ɔde deε monim no adom mo
- Ɔde nyεmmoa ne mma adom mo
- Ne mfuo ne nsuo aniwa
- Nokorε sε, medeε mesuro Da kεseε no asotwee no ho asεm mamo”
- Wͻ’kaa sε: “Sε wotu yεn fo o, anaasε woanka afutufoͻ no ho o, εyε asεm korͻ ma yεn
- Woi deε εyε tetefoͻ no suban no bia
- Yε’nntwe yεn aso biara “
- Wͻ’buu no ͻtorofo, enti Yε’sεee wͻn. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu, nanso wᴐn mu dodoͻ no ara nnye nni
- Nokorε ampa sε, wo Wura Nyankopͻn Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no
- Samuudfoͻ buu Asomafoͻ no atorofo
- Ɛberε a wͻn nua Soalhu ka kyerεε wͻn sε: “Adεn, monsuro Nyame
- Nokorε sε, meyε (Nyankopͻn) Somafoͻ nokwafoͻ dema mo
- Enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie ma me
- Memmisa mo (nsεmpa a mereka kyerε mo no) ho akatua, mmom m’akatua deε εwͻ Abͻdeε nyinaa Wura no hͻ
- Enti (modwen sε) yebegyae mo wͻ abodweԑ mu wͻ deε mo wͻ mu wͻ εha yi ho
- Wͻ turo ne nsutire mu
- Ne mfudeε ne akyiresua a εso aba a agu nhyerεnee na abͻ esa-sa
- Modwa mmepͻ mu deyε afie a moadare mu (anaa mode tu moho)
- Enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie mma me
- Na monhwε na moanni nsεmmͻnedifoͻ no ahyεdeε so
- Wͻn a wͻ’di nsεmmͻne wͻ asaase no soͻ na wͻ’nntoto ntotoeε pa no “
- Wͻ’kaa sε: “Woka wͻn a konya anya wͻn no ho
- Woyε nipa tesε yεn ara, enti fa nsεnkyerεnee bi bra, sε woka nokorεfoͻ no ho ampa a.”
- (Soalhu) kaa sε: “Yoma bedeε bi nie, ͻwͻ ho kwan sε ͻnom (nsuo), ɛna monso mo wɔ ho kwan sε monom (nsuo) wͻ εda a yahyε (ama mo ne yoma no)
- Monhwε yie na moanyε no bͻne biara, amma asotwee ammεsͻ momu da kεseε bi “
- Nanso wͻ’kum no, enti wͻ’benuu wͻn ho
- Enti asotwee no sͻͻ wͻn mu. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu, nanso wᴐn mu dodoͻ no ara nnye nni
- Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no
- Lut nkorͻfoͻ no buu asomafoͻ no atorofoᴐ
- Ɛberε a wͻn nua Lut ka kyerεε wͻn sε: “Adεn, monsuro Nyame
- Nokorε sε, meyε Ɔsomafoͻ nokwafoͻ ma mo
- Enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie mame
- Memmisa mo akatua (wͻ nsεmpa a mereka kyerε mo no) ho; mmom m’akatua deε εwͻ Abͻdeε nyinaa Wura no hͻ
- Abͻdeε no mu no mmarima ho na mokͻ
- Ɛna mogyae deε mo Wura Nyankopͻn abͻ ama mo a εyε moyere nom? Daabi, moyε amanfoͻ mmaratofoͻ paa“
- Wͻ’kaa sε: “Lut, sε w’anyae (wonsεm no ka a) wobεka wͻn a yapamo wͻn anaa yatu wͻn (afri y’asaase soͻ) no ho
- Ɔkaa sε: “Nokorε sε, mekyiri metan mo neyεε no
- Me Wura Nyankopͻn, gye me ne m’abusuafoͻ fri deε wͻ’reyε no mu “
- Enti Yε’gyee no ne n’abusuafoͻ nyinaa
- Gyesε (ne yere) aberewa no, ͻkaa wͻn a wͻ’kaa akyire no ho
- Afei Yε’sεee wͻn a aka no pasaa
- Yε’tͻͻͻ nsuo (a ԑyԑ asotwee) paa de guu wͻn so. Na εyε nsutͻ bͻne paa ma wͻn a yεbͻͻ wͻn kͻkͻ no
- Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu, nanso wᴐn mu dodoͻ no ara nnye nni
- Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn ne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no
- Na Aikatfoͻ no buu asomafoͻ no atorofoͻ
- Ɛberε a Shu’aib ka kyerεε wͻn sε: “Adεn, monsuro Nyame
- Nokorε sε, meyε Ɔsomafoͻ nokwafoͻ ma mo
- Enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie ma me
- Memmisa mo (nsεmpa a mereka kyerε mo no ho) akatua, mmom m’akatua deε εwͻ Abͻdeε nyinaa Wura no hͻ
- Monhyε (biribiara) ma no nyε mma, na monhwε yie na moammͻ (amanfoͻ) nyansa korͻno
- Monfa nsanea a εtenee na ensusu (adeε ma amanfoͻ)
- Monhwε na moanfa nyansa (korͻno kwan so) ante amanfoͻ nneεma so (ansisi wͻn) amma nsεmmͻnee annkͻso wͻ asaase no so
- Na monsuro Nyankopͻn no a Ɔbͻͻ mo ne awoͻ ntotoasoͻ a edii kan no “
- Wͻ’kaa sε: ”Wodeε woka wͻn a konya anya wͻn no ho
- Woyε onipa tesε yεn ara, na yεn deε yε’dwene sε woka nkontompofoͻ no ho
- Enti sε woyε nokwafoͻ ampa a εneε ma ͻsoro no mu sini bi mmu megu yεn so“
- Ɔkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn nim dwuma a modie no (nyinaa) “
- Wͻ’buu no ᴐtorofoᴐ, enti asotwee sͻͻ wͻn mu wͻ Enyunu da anaa Esum da bi mu. Nokorε sε na εyε asotwee kεseε Da
- Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu, nanso wᴐn mu dodoͻ no ara nnye nni
- Wo Wura Nyankopͻn, Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no
- Nokorε sε (Qur’aan yi) yε Adiyisεm a efri Abͻdeε nyinaa Wura no hͻ
- Honhom Nokwafoͻ no (Gabriel) na ͻde siane
- baa w’akoma mu, sεdeε wobεka akͻkͻbͻfoͻ no ho
- Wͻ Arab kasa pefee no mu
- Nokorε sε, (Qur’aan yi, ne Nkͻmhyεni Muhammad ho asεm) wͻ Nyamesεm Nwoma a edii kan (Tawra ne Injeel) no mu
- Enti εnyε nsεnkyerεnee mma Quraishfoᴐ no sε Israel mu nwomanimfoͻ no nim yie (sε Qur’aan ho nkͻmhyε wͻ Tawra ne Injeel no mu)
- Sε Ye’sianee (Qur’aan yi) maa obi a ͻnnyε Arabni mpo–
- Ɛna ͻrekenkan kyerε wͻn a, anka wͻ’nnye nni
- Saa ara na Yε’ma (gye a wͻ’nnye Qur’aan nnie) no wura abͻneεfoͻ no akoma mu
- Wͻ’nnye nni kͻpem sε wͻ’behunu asotwee yaaya no ansa
- Ɛbεba wͻn so mpofirem a wͻ’nnim ho hwee koraa
- Ԑhͻ na wͻ’bεka sε: ”Enti yεmma yεn ahomegye berε?”
- Enti Ya’sotwee na wͻ’repε no ntεm no
- (Nkͻmhyεni), enti w’ahunu? Sε Yε’ma wͻn mfie tenten mpo a
- Deε yahyε wͻn ho bͻ no ba wͻn so a
- (Mfi tenten a wͻ’diiε) de gyee wͻn ani no ho mma mfasoͻ biara mma wͻn
- Ya’nsεe kuro bi gyesε (Yedi kan ma) wͻ’nya kͻkͻbͻfoͻ
- De afutusεm (brԑ wᴐn); na Yεn nyεε bͻne da
- Ԑnyε abonsamfoͻ na wͻ’sianee (Qur’aan) yi
- Na εmfata wͻn, na wͻ’ntumi mpo
- Nokorε sε yatwe wͻn afri (Qur’aan yi) ho kͻ akyirikyiri sε wͻ’bεtie mpo
- Enti hwε na w’ansu amfrε nyame foforͻ biara anka Nyankopͻn ho na wo ankͻka wͻn a yεbεtwe wͻn aso no ho
- Na bͻ w’abusuafoͻ no a wͻ’bεn (woͻ) no nso kͻkͻ
- Na berε w’ataban ase fama agyidiefoͻ no a wͻ’di wakyire no
- Nasε wͻ’antie wo a, ka sε: “Medeε m’atwe meho afri dwuma a modie no ho “
- Na fa woho to Otumfoͻ no a otumi ade nyinaa yε, Mmͻborͻhunufoͻ Hene no so
- (Otumfoͻ) no a Ohu wo wͻ εberε a w’asͻre agyina hͻ (rebͻ mpaeε anadwo)
- Ne w’ahokeka wͻ wͻn a wͻ’de wͻn anim abutu fͻm (frε Nyame) no mu
- Nokorε sε, Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara, na Ɔne Onimdefoͻ no
- Enti Menkyerε mo obia abonsamfoͻ siane ba nesoͻ
- Wͻ’siane ba onipa biara a ͻyε nkontomponi, bͻnefoͻ no so
- (Nipa bͻneni no a) ͻyε aso dema (ͻbonsam), na wͻn mu dodoͻ no ara yε nkontompofoͻ
- Na wᴐn a wᴐ’ka anwensԑm no deε ayerafoͻ no na wͻ’di wͻn akyi
- Wonhunuu sε wͻ’di akͻneaba wͻ bonhwa biara mu, (ka biribiara ho asεm, kamfo deε εyε ne deε εnyε nyinaa wͻ anwensԑm mu)
- Nokorԑ sԑ wͻ’ka deε wͻ’nnyε ho asεm
- Gyesε wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa, na wͻ’kaekae Nyankopͻn (wͻ εberε) biara (mu), na wͻ’bͻ wͻn ho ban wͻ akyire yi a yasisi wͻn. Na wͻn a wͻ’yε bͻne no behunu bea korͻ a wͻ’bεdane wͻn ho akͻ