27.The Ant

  1. Toaa – Siin . Woi yε Qur’aan mu nsɛm, ԑyԑ Nwoma a ɛda (biribiara) adi pefee
  2. (Ɛyε) kwankyerε ne anigyesεm ma agyidiefoͻ no
  3. Wͻn a wͻ’frε Nyame wͻ nebrε mu na wͻ’yi Zaka, na wͻn adwen si wͻn pi wͻ Daakye no ho no
  4. Nokorε sε, wͻn a wͻ’nnye Daakye no nnie no Y’ama wͻn dwumadi (bͻne no) ayε wͻn (aniso) fε, enti wͻ’redi akͻneaba sε anifirafoͻ
  5. Saa nkorͻfoͻ no na wͻn wͻ asotwee bͻne no. Wͻn na Daakye no mu no wͻ’ne berεguofoͻ no
  6. (Nkͻmhyεni), nokorε sε wonsa kaa Qur’aan yi fri Onyansafoͻ, Nimdefoͻ no hͻ
  7. Kae εberε a Mose ka kyerεε n’abusuafoͻ sε: “Nokorε sε m’ahunu egya; mede ho amaneε bεba abεbͻ mo anaasε mede nsramma bi bεba ama moaka moho hye “
  8. Ɛberε a ͻbaa hoo no, yεfrεε no sε: ”Nhyira ne nea ͻwͻ egya no mu no, ne obiara a ͻwͻ ho. Kronkron Hene ne Nyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no“
  9. Mose, nokorε sε εyε Me, Onyankopͻn Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Onyansafoͻ no
  10. To wopoma no to fͻm. Ԑberε a ohunuu sε εrekeka neho tesε ͻwͻ no, ͻdanee ne ho dwanee a wanhwε n’akyi. (Yε’kaa sε): “Mose, ensuro nokorε sε asomafoͻ no nnsuro wͻ M’anim
  11. Na mmom obi a wayε bͻne na εno akyiri no ͻde papa ahyε bͻne no anan mu no, nokorε sε, Mene Bͻnefakyε Hene, Mmͻborͻhunufoͻ Hene
  12. Enti fa wonsa hyε wo koko mu, εbεba fitaa a εni nkekaawa biara. (Woi nom ka) nsεnkyerεnee nkron a wode rekͻ Farao ne nenkorͻfoͻ hͻ no ho. Nokorε sε wͻ’yε amanfoͻ a wͻ’yε abͻneεfoͻ paa
  13. Ɛberε a Yε’nsεnkyerεnee pefee a wͻ’tumi hunu baa wͻn hͻ no, deε wͻ’kaeε ne sε: ”Woi deε εyε nkoyaa pefee”
  14. Wͻ’ko tiae aberε nso a wͻn akoma gye tom (sε εyε nokorε a efri Nyame hͻ), εnam bͻne ne ahomasoͻ nti. Enti hwε sεdeε nsεmͻnedifoͻ no awieε si wieε
  15. Ampa nso sε Yε’maa Dawid ne Solomon nimdeε. Wͻn mmienu kaa sε: “Aseda wͻ Nyankopͻn a W’ahyε yεn animuonyam kyεn Nenkoa agyidiefoͻ no mu bebree “
  16. Solomon bedii Dawid adeε, na ͻkaa sε: “Amanfoᴐ, yakyerε yεn nnomaa kasaa εna yama yεn biribiara. Nokorε sε, woi yε adom a εda adi pefee”
  17. Na Jinn ne nnipa ne nnomaa, na ԑboa wᴐn ho ano ma Solomon sԑ asraafoᴐ dͻm, na wᴐ’hyehyε wͻn ho paa (wͻ amia mu) akuo-akuo (deε odi hͻ deε odi hͻ)
  18. (Wͻ’sii mu) kͻpem sε wͻ’duruu Ntεteaa bonhwa no mu. Ntεteaa no baako kaa sε: “Ntεteaa, (monka moho) nkowura moatenaeε, na anyε a Solomon ne nedͻm betwi afa moso atiatia moso (akunkum mo) wͻ aberε a wͻ’nnim
  19. (Solomon) wewene seree wͻ tεteaa no asεm no ho. Ͻkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn (mesrε sε) dom me na mentumi nyi W’adom a wode adom me ne m’agya no so ayε, na (boa me) ma mentumi nni dwuma pa a W’ani bεgye ho, na fa W’ahummͻborͻ so fa me wura Wonkoa pa no mu
  20. Solomon hwehwεε nnomaa no mu, na ͻkaa sε: “Adεn nti na menhunu Hudhud? Anaa ͻka wͻn a wͻ’amma no ho
  21. Nokorε sε, mede asotwee a ano yε den paa bεtwe n’aso anaasε meku no, anaasε gyesε ͻde nyinasoͻ pefee bi berε me “
  22. Hudhud ankyεre pii (na ͻbaeε), na ͻbεkaa sε: “M’ahunu adeε bi a wonhunuiε. Mede amaneε pefee bi fri Saba’a na aberε woͻ
  23. Mehunuu ͻbaa bi sε ͻno na ͻdi wͻn so hemaa; yama no biribiara, na ͻwͻ ahennie a εsoo paa
  24. Mekͻtoo no sε ͻne nenkorͻfoͻ no afri Nyankopͻn akyi som awia; na ͻbonsam ama wͻn dwumadi (bͻne no) ayε wͻn aniso fε, ama w’asi wͻn (kwan pa no ho) kwan, enti wͻ’nni kwankyerε
  25. (Ɛnam saa) nti wͻ’nnsom Nyankopͻn a ͻda deε asuma wͻ soro ne asaase so adie, na Onim deε mode suma ne deε moda no adie no
  26. Onyankopͻn, awurade foforͻ biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara, Ɔne Ahennwa kεseε no Wura no “
  27. Solomon kaa sε: “Yε’bεhwε sε, deε woreka no yε nokorε anaasε woka nkontompofoͻ no ho
  28. Fa menwoma yi kͻ na fa kͻma wͻn, na afei dane woho fri wͻn ho (bra), na yεnhwε (mmuaeε) a wͻ’de bεba“
  29. (Ɔhemaa no) kaa sε: ”Nhemfo, nokorε sε yεde animuonyam nwoma bi aberε me
  30. Nokorε sε efri Solomon hͻ, na nokorε sε (me hyj asej wc) Nyankopͻn din mu, Ahummͻborͻ Hene, Ɔdεεfoͻ Hene. (Bismi Laahir-Rah’maanir-Rahiim)
  31. (Emu nsεm ne sε): “Monhwε na moanyε ahomasoͻ antia me, na mmom momra mehͻ sε Muslimifoͻ wͻ ahobraseε mu
  32. (Ɔhemaa no) kaa sε: Nhemfo, mo mame adwen wͻ m’asεm yi ho. Menfa adwen wͻ asεm bi ho gyesε moka me ho (ne me dwene ho) ansa
  33. (Nhemfo no) kaa sε: “Yεn ho yε den paa, na yεwͻ ͻkoo mu nso ahoͻden papaapa; na wohɔ na tumi no wͻ, enti hwε deε wobεhyε sε yεnyε”
  34. (Ɔhemaa no) kaa sε: “Nokorε sε, (Solomon) nhemfo no, sε wͻ’wura kuro bi mu a wͻ’sεe no pasaa, na wͻ’brε kuro no mu atitiriwfoͻ ne adehyeε no ase korakora. Na saa na wͻ’yε”
  35. Nokorԑ sԑ mede akyεdeε bԑsoma ama yεde akͻma wͻn na yahwε (mmuaε) a asomafoͻ no bεsan de aba “
  36. Ɛberε a (asomafoͻ no) baa Solomon hͻ no, ͻkaa sε: “Ahonya deε na mode rema no abu me soͻ? Deε Nyankopͻn de ama me no kyεn deε Ɔde ama mo. Daabi, mona moanigye moakyεdeε no ho “
  37. (Solomon ka kyerεε Ɔhemaa no bͻfo panin no sε): “San wakyi kͻ wͻn hͻ, na yεde dͻm a wͻ’nntumi nyina ano bεba wͻn so, na y’abetu wͻn mu atitiriwfoͻ no afri kuro no mu, na y’agu wͻn anim ase “
  38. (Solomon) kaa sε: ”Mpanimfoͻ, momu hwan na ͻde n’ahennwa no bεbrε me ansa na wͻ’de ahobraseε aba me hᴐ?”
  39. Jinn no mu ͻhodenfoͻ (Ifriit) kaa sε: “Mede bεbrε wo ansa na w’asͻre afri faako a woteε yi. Nokorε sε mewͻ ahoͻden afei medi nokorε wͻ adwuma a εte saa no ho
  40. Nea ͻwͻ Nyamesεm Nwoma no ho nimdeε no kaa sε: “Mede bεbrε wo ntεmso (tesε obi abͻ na’ani ateε). Ԑberε a Solomon hunuu sε (Ɔhemaa no ahennwa) no si n’anim no, ͻkaa sε: “Woi yε adom a efri me Wura Nyankopͻn hͻ sεdeε Ɔde bεsͻ me ahwε sε meyi (N’ayε) anaa meyi (no) boniayε. Obi a obeyi (Nyankopͻn) ayε no, oyi ayε dema ͻno ara neho, na obia obeyi boniayε no nso nokorε sε, me Wura Nyankopͻn deε W’anya Neho, Ɔne Adom ne Animuonyam Hene
  41. (Solomon) kaa sε: “Monyε nsakraeε wͻ n’ahennwa no ho ma no na yεnhwε sε w’anya kwankyerε, anaasε ͻka wͻn a wͻ’nnyaa kwan kyerε no ho.“
  42. Ɛberε a ͻbaeε no yεkakyerεε no sε: “Enti w’ahennwa no sei na εteε?” Ɔkaa sε: “Ɛbεka sε εyε noa “.(Solomon kaa sε): Y’adi kan anya ɛho nimdeε ansa na ͻreba. Na yε’deε yε’yε Muslimifoͻ dada”
  43. Deε na (Ɔhemaa Bilqiis) fri Nyankopͻn akyi somoeε no sii no (Nyamesom ho) kwan efrisε na ͻka amanfoͻ boniyεfoͻ no ho
  44. Yε’ka kyerεε (Ɔhemaa) no sε: “Wura ahemfie kεseε no mu”. Ɛberε a ohunuuiε no n’adwen yεε no sε εyε asu tadeε bi, enti (ͻpagya n’ataadeε) yii nenan ho. Solomon kaa sε: “Ɛyε ahemfie a yεde nhwehwε na ayε no kokwakokwa“. Ɔhemmaa Bilqiis kaa sε: ”Me Wura Nyankopͻn, nokorε sε m’ayε bͻne atia me ho, na m’aka Solomon ho abrε me ho ase (sε Muslim) de ama Abͻdeε nyinaa Wura no
  45. Nokorε nso sε Yε’somaa Samuudfoͻ nua Soalhu maa no kͻͻ wͻn hͻ sε (ͻnkͻka nkyerε wͻn) sε: “Monsom mo Wura Nyankopͻn“. Na hwε, wͻ’bεyεε akuo mmienu a wͻ’reko tia wͻn ho
  46. (Soalhu) kaa sε: ”Menkorͻfoͻ, adεn nti na morepere moho de bͻne adi papa anim kan? Adεn nti na monsrε Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε sεdeε ebia yεbehu mo mmͻbͻ?”
  47. Wͻ’kaa sε: “Wone wͻn a wͻ’ka wo ho no yε mmusuo ma yεn“. Soalhu kaa sε: ”Mo mmusuo no fri Nyankopͻn hͻ; daabi, moyε nnipa a mowͻ nsͻhwε mu “
  48. Na mmarima nkron bi wͻ kuro no mu a wͻ’di nsεmmͻne wͻ asaase no so a wͻ’nnyε ntotoeε pa
  49. Wͻ’kaa sε: “Monfa Nyankopͻn nni nse nkyerε moho-moho sε, yεbεkͻ akͻto ahyε Soalhu ne n’abusuafoͻ so anadwo, na yaka akyerε nenkorͻfoͻ sε: “Yennim ͻne n’abusuafoͻ wuo no ho hwee, na nokorε na yεreka no“
  50. Enti wͻ’bͻͻ pͻ paa, na Yεn nso Yε’bͻͻ pͻ paa wͻ aberε a na wͻ’nnim
  51. Enti hwε sεdeε wͻn pͻbͻͻ no aweε si wieε! Nokorε, Yε’sεee wͻ’ne wͻn nkorͻfoͻ no nyinaa pasaa
  52. Sεdeε wͻn afie si yͻeε no-, adane amanfoo, εnam wͻn bͻne nti. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema amanfoͻ a wͻnim
  53. Yε’gyee wͻn a wͻ’gye diiε no a na wͻ’suro Nyame no nkwa
  54. Lut nso, εberε a ͻka kyerεε nenkorͻfoͻ no sε: “Adεn, mobu bra bͻne wͻ aberε a moani tua
  55. Mofri mmaa no akyi de akͻnnͻ kͻ mmarima so? Daabi, moyε amanfoͻ bi a moadwen awuo
  56. Nanso mmuaeε a nenkorͻfoͻ no de maeε ara ne sε, wͻ’kaa sε: “Montu Lut ne nenkorͻfoͻ no mfri mo kuro no mu. Nokorε sε wͻ’yε nnipa a wͻ’di wͻn ho nni (anaa wͻ’repε akyerε sε wͻn na wͻ’di wͻn ho nni)
  57. Enti Yε’gyee no ne n’abusuafoͻ nkwa, gyesε neyere. Yε’hyehyε maa no sε ͻbεka wͻn a wͻ’bεka akyire no ho
  58. Yε’tͻͻ nsuo bi paa guu wͻn so. Na εyε nsutͻ bͻne paa dema amanfoͻ a yabͻ wͻn kͻkͻ no
  59. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Aseda wͻ Nyankopͻn, na Asomdwiε nka Nenkoa no a W’ayi wͻn no. Nyankopͻn na Ͻyε, anaasε deε wͻ’de bata Neho no (na εyε)?”
  60. Anaasε hwan ne Nea Ɔbͻͻ soro ne asaase, na Osiane nsuo fri soro dema mo na Yε’de ma mfuo yε fεfεεfε? Ɛnyε motumi mu na εma emu nnua no nyini. Enti awurade bi wͻhͻ ka Nyankopͻn ho? Daabi, nanso wͻ’yε nnipa a wͻ’de biribi toto (Nyankopͻn ho)
  61. Anaasε hwan na w’ayε asaase so asetena, εna Ɔde nsuo ahyehyε mfimfii, εna Ɔde mmepͻ asisi so pintinn, εna Ɔde εhyeε ato ͻpo mmienu (nsupa a εyε dε ne nkyenenkyene nsuo) no ntεm. Enti awurade bi wͻhͻ ka Nyankopͻn ho? Daabi, nanso wͻn mu pii nnim
  62. Anaasε hwan na Otie ͻwerεhoni sufrε, sε osu frε Nyankopͻn a, na Oyi ͻhaw no (fri nesoͻ), εna Wayε mo adedifoͻ anaasε anaamusifoͻ wͻ asaase no soͻ? Enti awurade bi wͻhͻ ka Nyankopͻn ho? Nanso kakraabi na mokaeε
  63. Anaasε hwan na Ɔkyerε mo kwan wͻ asaase so, ne ͻpo so sum mu, na hwan na Ɔsoma mframa sε anigyesεm de di N’ahummͻborͻ no (a εne nsutͻ no) anim kan? Enti awurade bi wͻhͻ ka Nyankopͻn ho? Nyankopͻn yε Kokroko kyεn deε wͻ’de bata Neho no
  64. Anaasε hwan na Ɔhyεε abͻdeε aseε, na Ɔsan bͻ bio, anaasε hwan na Ɔbͻ mo akͻnhoma fri soro ne asaase soͻ? Enti awurade bi wͻhͻ ka Nyankopͻn ho? Ka sε: ”Monfa monyinasoͻ mmra, sε moyε nokwafoͻ ampa a
  65. (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Obiara nni soro ne asaase so a onim asumasεm no, gyesε Nyankopͻn; na wͻ’nnim ɛberε korͻ a wͻ’bεsͻre afri owuo mu “
  66. Daabi, wͻ’nni Daakye no ho nimdeε. Daabi, wͻn adwen nnsi pi wͻ ho. Daabi, wͻn ani afira koraa wͻ ho
  67. Deε wͻn a wͻ’nnye nnie no keka ne sε: “Enti sε yεn, ne y’agyanom (wu) dane mfuturo a, ampa sε yεbεsan apue (aba nkwa mu bio)
  68. Ampa sε yεde woi ahyε yεn ne y’agyanom a wͻ’dii kan no bͻ. Nokorε sε woi deε tetefoͻ no anansesεm “
  69. Ka sε: “Montu kwan wͻ asaase no so na monhwε sεdeε abͻneεfoͻ no awieε si wieε
  70. Ԑmma wowerε nnho wͻ wͻn ho, na εmma w’akoma nha wo fa pͻ a wͻ’rebͻ no ho
  71. Deε wͻ’ka ne sε: ”Dabεn na saa bͻhyε yi (bεba), sε moyε nokwafoͻ ampa a “
  72. Ka sε: “Ebia deε morepre ho no bi mpo abεn mo “
  73. Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn adom a εwͻ adasamma soͻ no so paa. Nanso wͻn mu dodoͻ no ara na wͻ’nnyi (Onyankopͻn) ayε
  74. Nokorε nso sε, wo Wura Nyankopͻn Nim deε εwͻ wͻn akoma mu ne deε wͻ’da no adie
  75. Biribiara a asuma wͻ ͻsoro ne asaase soͻ no nyinaa wͻ Nwoma pefee no mu
  76. Nokorε sε, saa Qur’aan yi kasa fa nneεma pii a Israel mma no nnte wͻn ho ase wᴐ ho no ho
  77. Nokorε nso sε, (Qur’aan) yε kwan kyerε (Nwoma) ne ahummͻborͻ dema agyidiefoͻ no
  78. Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn de N’atemmuo no bebu wͻn ntεm atεn. Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onimdefoͻ no
  79. Enti fa woho to Nyankopͻn so; nokorε sε, wogyina nokorε pefee no so
  80. Nokorε sε, wontumi mma owufoͻ nte asεm, na wontumi nso mma ͻsosifoͻ nnte frε wͻ εberε a wadane neho redwane kͻ
  81. Wontumi nso nkyerε anifirafoͻ kwan mfri wͻn yeraa mu. Nea wobetumi ama no ate ne obi a ͻgye Yεn Nsεm no die, na wͻ’yε Muslimifoͻ, (brε wͻn ho ase dema Nyame)
  82. Sε asεm no berε no so tia wͻn a, Yε’beyi Aboa afri asaase mu ama ͻne wͻn abεkasa, efrisε adasamma nnye Yεn Nsεm no nni
  83. Ɛda a Yε’bεboa ͻman biara mu fekuo no a wͻ’annye Yεn Nsεm no annie no ano no, yεbεhyehyε wͻn akuo akuo
  84. Kͻpem sε, wͻ’bεba (aseni bea hͻ); Nyankopͻn bεka sε: ”Enti moanye Mensεm no anni wͻ aberε a monni ho nimdeε? Enti dwuma bεn na modii no (wͻ wiase)?”
  85. Asεm no bεtͻ wͻn so, εnam wͻn bͻne a wͻ’diiε ho nti, enti wͻ’nnkasa
  86. Enti wͻ’nnhunuu sε Ya’yε anadwo ama wͻn a wͻ’de gye wͻn ahome, εna adekyeε nso wͻ’de hunu adeε (dehwehwε akͻnhoma)? Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma amanfoͻ a wͻ’gye die
  87. Ɛda a yεbεbͻ Totorobεnto no mu no, ehuu kεseε paa bεbͻ wͻn a wͻn wͻ soro ne asaase so nyinaa, gyesε obia Nyankopͻn pε. Na obiara bεba Nehͻ wͻ ahobraseε mu
  88. Na mmepͻ no a wohunu na w’adwen yε wo sε esisi hͻ pintinn a εnkeka ne ho no, εbetwa mu sεdeε mununkum si twa mu no. Saa ara na Nyankopͻn a Wabͻ biribiara yie no nsa ano adwuma teε. Nokorε sε Ɔne dwuma a modie no {nyinaa} ho Amane bͻfoͻ
  89. Obi a ͻde papa bi bεba no ͻwͻ ho nhyira a εkyεn saa, na wͻn na saa Da no hubͻ no mu no wͻ’benya ahotᴐ
  90. Na obi a ͻde bͻne bεba no, wͻn anim so na yεbεto wͻn atwene wͻ Ogya no mu. Enti εnyε dwuma a modiiε no so na yεbetua mo so ka
  91. Medeε deε yahyε me nesε mensom saa Kuro (Maka) yi Wura Nyankopͻn no a W’ayε (kuro yi) kronkron na biribiara yε Nedea no. Yahyε me nso sε menka Muslimifoͻ no ho
  92. Na menkenkan Qur’aan. Enti obi a ͻbεtenee no, ͻtene ma ͻno ara neho; na obi a ͻbεyera no nso, ka sε: “Medeε meka kͻkͻbͻfoͻ no ho“
  93. (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Aseda nyinaa wͻ Nyankopͻn. Ɔbεkyerε mo Nensεnkyerεnee ama mo ahunu. Na wo Wura Nyankopͻn mmuu N’ani nguu dwuma a modie no so