8.The Spoils of War

  1. (Nkͻmhyεni), wͻ’rebisa wo ͻkoo mu asadeε no ho asεm. Ka sε: “Asadeε no wͻ Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no. Enti monsuro Nyankopͻn na monsiesie deε abεtͻ montεm no, na monyε sotie ma Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no, sε moyε agyidiefoͻ ampa a
  2. Agyidiefoͻ no ne wͻn a sε yεbͻ Nyankopͻn din a wͻ’nya hubͻ bi wͻ wͻn akoma mu, na sε yεrekenkan Nensεm no kyerε wͻn a εde gyidie foforͻ bεka wͻn gyidie ho, na wͻn Wura Nyankopͻn so na wͻ’de wͻn ho toͻ
  3. Wͻn a wͻ’frε Nyame wͻ nebrε mu, na deε Yε’de akyε wͻn no wͻ’yi mu bi dema
  4. Saa nkorͻfoͻ no ne agyidiefoͻ paa no. Wͻn wͻ gyinabrε (a εsom bo) ne bͻnefakyε ne akyεdeε a edi mmu paa wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ
  5. Sεdeε wo Wura Nyankopͻn maa wofrii wo fiee wͻ nokorε mu no, na agyidiefoͻ no mu bi mpε
  6. Wͻ’regye wo akyinnye wͻ nokorε no ho wͻ akyire yi a ada adi pefee, tesε deε yεreka wͻn so akͻ owuo mu a wͻn ani tua
  7. Kae εberε a Nyankopͻn de akuo mmienu no mu baako hyεε mo (Muslimfoͻ no) bͻ sε εbεyε mo dea; na mopεε sε deε nkasεε (anaasε ͻkoo) nni ho no mmom na εnyε mo dea, na Nyankopͻn pεsε Ɔnam N’asεm so ma nokorε no si pie, na Otwa boniayεfoͻ no nhini (fri hͻ)
  8. Sεdeε Nyankopͻn bεma Nokorε no ayε nokorε na W’asεe nkontompo no, sε abͻneεfoͻ no mpε mpo a
  9. Monkae εberε a mohwehwεε mo Wura Nyankopͻn hͻ mmoa na Ɔgyee mo (mpae bͻ no) so sε: “Mede Soro abͻfoᴐ apem a wͻ’toatoa soͻ bεboa mo“
  10. Nyankopͻn yεε (bɔhyɛ) no anigyesεm sεdeε moakoma bεtͻ moyεm. Na mmoa (anaa nkonim) deε Nyankopͻn hͻ na εwͻ. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Otumfoͻͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ
  11. Monkae εberε a Ɔmaa motͻͻ nko deyεε awerεkyekyerε a efri Nehͻ, εna Ɔmaa nsuo fri soro tͻ guu mo so sεdeε Ɔde bεte moho na Ɔbeyi ͻbonsam fii no afri mo ho akͻ, ne sεdeε Ɔde bεhyε moakoma den na Ɔde bεma (mo) agyina monan so pintinn
  12. Kae εberε a wo Wura Nyankopͻn yi kyerεε Soro abͻfoͻ no sε: “Meka mo ho, enti moma wͻn a wͻ’agye adie no nyina pintinn; Mede ehuu bεhyε wͻn a wͻ’yi boniayε no akoma mu. Enti montwitwa wͻn kͻn so na montwitwa wͻn nsa dua biara so
  13. Saa na εteε, efrisε, wͻ’ko tia Nyankopͻn ne Nesomafoͻ, na obiara a ͻko tia Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no deε nokorε sε, Nyankopͻn awerεtͻ ano yε den papaapa
  14. Saa na εteε, enti monka nhwε, na boniayεfoͻ no deε wͻn wͻ Ogya no asotwee
  15. Mo a moagye adie, sε mohyia wͻn a wͻ’yi boniayε no wͻ ͻkoo mu a, monhwε na moannane moakyi amma wͻn
  16. Obia ͻbεdane n’akyi ama wͻn wͻ saa da no no;- gyesε (ebia n’akyi a ͻredane ama wͻn no yε) ͻkoo mu akwan, anaa ͻresan akͻka fekuo bi ho – nokorε sε watwe Nyankopͻn abufuo aba ne ho so; na nefie ne Amane hunu gyem. Awieε bͻne paa ne hͻ
  17. Ɛnyε mo na mokum wͻn, na mmom Nyankopͻn na Okum wͻn, εberε a wotoo (sekan anaa agyan anaa pea no) εnyε wo na wotoeε, na mmom Nyankopͻn na Ɔtoeε, sεdeε Ɔde bεyε agyidiefoͻ no nsͻhwε pa a efri ne hͻ. Nokorε sε Nyankopͻn ne Mpaebͻ Tiefoͻ, Ɔne Onimdefoͻ
  18. Saa na εteε, nokorε sε Nyankopͻn bεbrε boniayεfoͻ no trim pͻ bͻne no ase
  19. Sε mobͻͻ mpaeε srεε atemmuo a, atemmuo no na aba mo hͻ no; na sε motwe moho (fri bͻne ho) a εyε ma mo, na sε mosan (kͻto hyε agyidiefoͻ no so) a Yεn nso Yε’bεsan (ne mo de asi ani), na sε modͻm no dͻͻso mpo a ennsi mo hwee, na nokorε sε, Nyankopͻn ka agyidiefoͻ no ho
  20. Mo a moagye adie, monyε sotie ma Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no, na monhwε na moannane mo ho amfri ne ho aberε a moretie no
  21. Monhwε na moanyε tesε wͻn a wͻ’kasε: “Yate aberε nso a wͻ’nteeε no”
  22. Nokorε sε abɔdeɛ bͻne wͻ Nyankopͻn hͻ ne asosifoͻ ne mmum, wͻn a wͻ’nnwen (anaa wͻ’nte asεm aseε) no
  23. Sε Nyankopͻn ahunu papa bi wͻ wͻn mu a, anka Wama wͻn atie. Nasε Ɔma wͻn tie mpo a wͻ’bεdane wͻn ho na wͻ’atwi afa so
  24. Mo a moagye adie, sε Nyankopͻn ne ne Somafoͻ no refrε mo akͻ deε εbεgye mo nkwa no mu a, monye wͻn so. Na monhunu sε, nokorε Onyankopͻn ba onipa ne n’akoma ntεm, na nokorε sε Nehͻ na yεbεboa moano akͻ
  25. Na monsuro anaa monyԑ ahwԑyie wͻ mmusuo a (esi a) εnka momu abͻneεfoͻ no nko ara; na monhunu sε, nokorε Nyankopͻn awerεtͻ ano yε den papaapa
  26. Monkae εberε a na mosua na monni ahoͻden wͻ asaase no soͻ, (na) mo suro sε amanfoͻ behwim mo afri hͻ; Nyankopͻn bͻͻ mo ho ban de Ne mmoa hyεε mo den, de nnepa no bi bͻͻ mo akonhoma sεdeε mobeyi (no) ayε
  27. Mo a moagye adie, monhwε na moanni Nyankopͻn ne Ɔsomafoͻ no hwammͻ, na monhwε na moanntwa (Amaana anaa) nneεma a yεde ahyε monsa no mu nkontompo aberε a monim
  28. Monhunu sε, mosika (anaasε moagyapa deε) ne mo mma yε nsͻhwε. Na Nyankopͻn hͻ na akatua kεseε paa wͻ
  29. Mo a moagye adie, sε mosuro Nyankopͻn a Ɔbεyε mo sononko na W’apepa mo mfomsoͻ afri moso na Ɔde (mo bͻne) akyε mo. Na Nyankopͻn na ͻwͻ adom kεseε paa no
  30. Kae εberε a boniayεfoͻ no kͻͻ wo tri so apam sε wͻ’de wo bεto afiase, anaasε wͻ’beku wo, anaasε wͻ’betu wo (afri ͻman no mu); wͻ’bͻͻ pͻ paa, na Nyankopͻn nso bͻͻ pͻ, na Nyankopͻn pͻbͻ na εyε pͻbͻ pa kyεn apͻ bͻfoͻ nyinaa
  31. Sε yεrekenkan Yεn Nsεm no kyerε wͻn a, deε wͻ’ka nesε: “Y’ate, sε yεpε a anka yεbetumi aka deε εte saa. Nokorε sε, woi yε tetefoͻ no anansesεm “
  32. Kae εbrε a wͻ’kaa sε: “Otumfoͻ Nyankopͻn, sε (Qur’aan) woi yε nokorε a efri Wo nkyεn ampa a, εneε tͻ aboͻ nsuo fri soro gu yεn so, anaasε fa asotwee a εyε ya paa bra yεn so “
  33. Ԑmma sε Nyankopͻn bεtwe wͻn aso wͻ aberε a wo (Nkͻmhyεni Muhammad) wo wͻ wͻn mu, na εmma nso sε Nyankopͻn bεtwe wͻn aso aberε a wͻ’resrε bͻnefakyε
  34. Anoyie bεn na wͻn wͻ a enti Nyankopͻn nntwe wͻn aso, aberε a wͻ’resi (amanfoͻ) kwan fri Nyamedan kronkron no ho, aberε nso a εnyε wͻn ne εso hwεfoͻ? Ɛso hwεfoͻ no mmom deε wͻ’ne Nyamesurofoͻ no, nanso wͻn mu dodoͻ no ara nnim
  35. (Abosomsomfoͻ no) asͻreyε wͻ (Ka’aba) Efie no ho ara ne hwerεma bͻ ne nsambͻ. Enti monka (asotwee no) nhwε εnam mo boniayε no ho nti
  36. Nokorε sε, boniayεfoͻ no sεe wͻn sika sεdeε wͻ’besi (amanfoͻ kwan) afri Nyankopͻn kwan no soᴐ. Wͻ’bεkͻ so asεe no, ama ayε brεguo ama wͻn, na yadi wͻn so nkonim. Wͻn a wͻ’yi boniayε no, yεbεboa wͻn ano akͻ Amanehunu gyem
  37. Sεdeε Nyankopͻn beyiyi abͻneεfoͻ no afri apapafoͻ no mu; na Ɔbεma (yahyehyε) abͻneεfoͻ no ama ebinom adeda ebinom so, aboa wͻn ano de wͻn akͻ Amanehunu gyem. Saa nkorͻfoͻ no ne brεguofoͻ no
  38. Ka kyerε boniayεfoͻ no sε: “Sε wͻ’gyae (wͻn ko tia no) a, Ɔde deε atwamu no bεkyε wͻn, sε wͻ’san wͻn akyi nso a, nokorε sε tetefoͻ no a (wͻ’de bͻne sii wͻn ani soͻ no) kwan no atwam kͻ (a εyε adesua ma wͻn)
  39. Enti (agyidiefoͻ) mone wͻn nko nkosi sε aniεyadeε biara to betwa, na ͻsom no nyinaa bεyε Nyankopͻn dea. Na sε wͻ’gyae a, nokorε sε Nyankopͻn ani tua dwuma a wͻ’die nyinaa
  40. Sε wͻ’dane wͻn akyi nso a, εneε monhunu sε, Onyankopͻn ne mo Kyitaafoͻ; Okyitaafoͻ papa ne no, na Ɔne Ɔboafoͻ papa no
  41. Monhunu sε, asadeε biara a monyaa no wͻ da no a nokorԑ ne nkontompo daa adie, εda a akuo mmienu no hyiaeε no, emu nkyεmu num mu baako wͻ Nyankopͻn ne Ɔsomafoͻ no ne abusua (Banu Haashim ne Banu Mutalib) ne nwisiaa ne ahiafoͻ ne ͻkwantuni; sε mogye Nyankopͻn ne deε Y’asiane ama Y’akoa no di ampa a. Onyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi
  42. Monkae εberε a na mobεn (ekuu no ho), na (atamfoͻ) no nso wͻ εfa akyirikyiri, na akwantufoͻ no wͻ moaseε. Sε mohyεε bͻ bi (sε mone atamfoͻ no) behyia a anka mobebu εberε a mode hyεeε no so; na mmom sεdeε Nyankopͻn bεma dwuma die no asi sεdeε W’ahyehyε no no nti; na ama obi a ͻbεsopa no asopa wͻ nyinasoͻ pefee mu, na obi a obenya nkwa nso anya nkwa wᴐ nyinasoᴐ pefee mu. Nokorε sε Nyankopͻn ne Otiefoͻ, Ɔne Onimdefoͻ
  43. (Nkͻmhyεni), kae εberε a Nyankopͻn de atamfoͻ no kyerεε wo wͻ wo daeε mu sε wͻ’yε kakraabi; sε Ɔde wͻn dodoↄ no na εkyerεε woͻ a, nokorε sε anka moaba mu bebu, ama moagye asεm (anaa ᴐkoo) no ho akyinnye, nanso Nyankopͻn bͻͻ moho ban, efrisε Ɔne deε εwͻ akoma mu no ho Nimdefoͻ
  44. Kae εberε a Ɔde atamfoͻ no kyerεε mo wͻ εberε a mohyiaeε no (Ɔyεε wͻn) kakraa bi wͻ moani so, εna Ɔmaa monso moyεε kakraabi wͻ wͻn anisoͻ, sεdeε Nyankopͻn nhyehyεε a W’ahyehyε no bewie pεyε. Onyankopͻn hͻ na dwumadie no nyinaa san kowie
  45. Mo a moagye adie, sε mohyia (atamfoͻ) no dͻm no a, monyina pintinn, na monkae Nyankopͻn papaapa, sεdeε mobedi nkonim
  46. Na monyε sotie ma Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no. Na monhwε na moannye moho-moho akyinnye, sε εba saa a εbεma mo ahodwo ama mosunsum anaasε moahoͻden no akͻ, na monya aboterε. Nokorε sε, Nyankopͻn ka abotrεfoͻ no ho
  47. Monhwε na moankͻyε sε wᴐn a wͻ’de akakabensεm ne nnipa anim yεkyerε frii wͻn afie mu, na wͻ’si (amanfoͻ kwan) fri Nyankopͻn kwan no soͻ no. Nyankopͻn deε W’atwa deε w’ͻreyε no nyinaa ho ahyia
  48. Kae εberε a ͻbonsam maa wͻn dwumadi (bͻne no) yεε wͻn ani so fε, na ͻka kyerεε wͻn sε: “Ɛnnε da yi nnipa biara ntumi nni moso nkonim. Nokorε sε mene mo kyitaafoͻ“. Nanso εberε a akuo mmienu no hunuu wͻn ho (wͻ Badar hͻ) no, (ͻbonsam) danee ne ho wͻ ne nantin so (dwanee), ͻkaa sε: “Medeε m’atwe me ho afri mo ho, efrisε m’ahunu adeε a monhunuiε. Nokorε mesuro Nyankopͻn, efrisε Nyankopͻn awerεtͻ ano yε den paa”
  49. Ɛberε a nkͻnkͻnsafoͻ no ne wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no kaa sε: ”Saa nkorͻfoͻ (Muslimifoͻ) yi Nyamesom adaadaa wͻn”. Obi a Ɔde ne ho bεto Nyankopͻn soͻ no, nokorε sε Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyasafoͻ
  50. Sε anka wotumi hunu εberε a Soro abͻfoͻ reyi wͻn a wͻ’nnye nnie no nkwa a; wͻ’bobͻ wͻn aniso ne wͻn akyi (ka sε): ‘’Monka ͻhyeε asotwee no nhwε
  51. Ɛnam dwuma a monsa di detoo moanim no ho nti”. Nokorε sε Nyankopͻn deε Onni Nedͻnkͻ amim
  52. (Wͻn mfatoho) tesε Farao nkorͻfoͻ no, ne wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no, wͻ’poo Nyankopͻn Nsεm no, enti Nyankopͻn de wͻn bͻne no twee wͻn aso. Nokorε sε Nyankopͻn ne Ɔhoͻdenfoͻ, na n’awerεtͻ nso ano yε den paa
  53. Saa na εteε, efrisε, Nyankopͻn nsesa adom bi a Ɔde ama amanfoͻ bi gyesε wͻn ara sesa no. Nokorε sε Nyankopͻn ne Otiefoͻ a Ɔte biribiara, Ɔne Onimdefoͻ a Onim biribiara
  54. Wͻ’tesε Farao nkorͻfoͻ no, ne wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no. Wͻ’faa wͻn Wura Nyankopͻn Nsεm no atorͻsεm, enti Yε’de wͻn bͻne no sεee wͻn. Yε’maa nsuo faa Farao nkorͻfoͻ. Na wͻn nyinaa yε abͻneεfoͻ
  55. Nokorε sε, abͻdeε bͻne wͻ Nyankopͻn anim ne wͻn a wͻ’yi boniayε na wͻ’nnye (Nyankopͻn Nsεm no) nnie
  56. (Nkͻmhyεni), wͻn a wone wͻn yε apam a aberε biara wͻ’bu wͻn apam no soͻ no, wͻ’nnsuro Nyame
  57. Enti sε wodi wͻn so nkonim wͻ ͻkoo mu a, twe wͻn aso papaapa na fa pamo wͻn a wͻn wͻ wͻn akyire no, sεdeε wͻ’de bεyε afutuo
  58. (Nkͻmhyεni), sε wonya suro wͻ amanfoͻ bi ho sε wͻ’bedi wo hwammͻ a, to (wͻn apam no) san ma wͻn (wͻ nhyehyεε) pa so, efrisε Nyankopͻn mpε wͻn a wͻ’di hwammͻ no asεm
  59. Ɛmma wͻn a wͻ’yi (Nyankopͻn Asεm no ho) boniayε no adwen nnyε wͻn sε wͻ’betumi asan (Yεn ho), nokorε sε wͻ’ntumi mma (Nyankopͻn nhyehyεε) nnyε kwa
  60. Monfa apͻnkͻ a yεde kͻ koo (ne atuo ne akodeε ahodoͻ biara) a moahoͻden betumi nyε ahoboa ntwεn wͻn, mfa mͻ Nyankopͻn atamfoͻ ne moatamfoͻ no ne wͻn a wͻ’ka wͻn ho no hu; monni wͻn, Nyankopͻn na Oni wͻn. Biribiara a mobeyi de ama wͻ Nyankopͻn kwan soͻ no, yεbetua no pεpεεpε ama mo, na yennsisi mo
  61. Sε wͻ’dane wͻn ho kͻ asomdwiε so a, dane woho kͻ so bi, na fa woho to Nyankopͻn so, nokorε sε, Ɔne Otiefoͻ a Ɔte biribiara no, Ɔne Onimdefoͻ no
  62. Sε wͻ’pεsε wͻ’di wo hwammͻ nso a, nokorε sε, Nyankopͻn som bo ma wo, Ɔno na Ɔde Nemmoa ne agyidiefoͻ no ahyε wo den
  63. Ɛna W’aka wͻn akoma abͻ mu. Sε woyii deε εwͻ asaase so nyinaa mpo demae (sε wode bεka wͻn abͻ mu a,) anka wontumi nka wͻn akoma mmͻ mu da. Nanso Onyankopᴐn aka wᴐn abom. Nokorε sε, Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ
  64. Nkͻmhyεni, Nyankopͻn ne agyidiefoͻ no a wͻ’di wakyire no som bo ma wo
  65. Nkͻmhyεni, hyε agyidiefoͻ no nkuran wͻ ͻkoo no ho. Sε aboterεfoͻ (nnipa) aduonu wͻ momu a, (wͻ’betumi) adi (kaafirfoͻ no nnipa) ahaanu so nkonim; na sε (aboterεfoͻ nnipa) ͻha wͻ momu a (wͻ’betumi) adi wͻn a wͻ’po nokorԑ no mu (nnipa) apem so nkonim, efrisε wͻ’yε nnipa a wͻ’nnte asεm aseε (anaasε wͻ’nnwen)
  66. Sesei deε Nyankopͻn ago mu ama mo, na Onim sε, (nnipa no) bi wͻ momu a wͻ’yε mmerε (anaasε wͻ’nni ahoͻden). Enti sε aboterεfoͻ (nnipa) ͻha wͻ momu a, wͻ’bedi ahaanu so nkonim, sε apem na ԑwͻ momu a wͻ’bedi mpem mmienu so nkonim wͻ Nyankopͻn akwamma mu. Onyankopͻn deε Ɔka aboterεfoͻ no ho
  67. Ɛkwan nni hᴐ ma Nkͻmhyεni sԑ ᴐbεfa nommum, gyesε wako adi nkonim wͻ asaase no so ansa. Mopε wiase agyapadeε, na Nyankopͻn nso pε Daakye no ma mo. Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Nyansafoͻ
  68. Sε nhyehyεε nnii kan dada wͻ Nyankopͻn hͻ a, anka asotwe kεseε paa bεto mo wͻ (mpata) deε a mogyeε no ho
  69. Enti moni asadeε a moanya no mu deε εkwan wͻ ho na εyε; na monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔno ara nso ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene
  70. Nkͻmhyεni, ka kyerε nneduafoͻ a wͻn wͻ monsa mu no sε: “Sε Nyankopͻn hunu papa bi wͻ moakoma mu a, Ɔbεma mo papa a εkyεn deε yagye afri mo hͻ no, na Ɔde mo bͻne akyε mo. Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene
  71. Sε wͻ’pε sε wͻ’di wo hwammͻ nso a, wͻn adikan adi Nyankopͻn hwammͻ pεn, εna Ɔmaa wodii wͻn so (nkonim). Onyankopͻn ne Onimdefoͻ a Onim biribiara, Ɔne Onyansafoͻ
  72. Nokorε sε, wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’tuu amantuo, na wͻ’de wͻn agyapadeε ne wͻn kraa koo wͻ Nyankopͻn kwan soͻ, ne wͻn (Madinafoͻ) a wͻ’maa wͻn baabi tenaeε, na wͻ’boaa wͻn no, saa nkorͻfoͻ no yε wͻn ho wͻn ho akyitaafoͻ. Wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’nntuu amantuo no monnyε wͻn kyitaafoͻ wͻ hwee ho, kͻpem sε wͻ’betu amantuo. Sε wͻ’hwehwε mohͻ mmoa fa Nyamesom ho a, εneε εyε moasεde sε moboa (wͻn), gyesε etia amanfoͻ bi a apam da mone wͻn ntεm. Onyankopͻn deε N’ani tua deε moyε biara
  73. Wͻn a wͻ’ayi boniayε no nso yε wͻn ho wͻn ho akyitaafoͻ. Mmom sε moanyε (saa ammoa moho moho anka moho ammͻ mu anko antia nsεmmͻnedifoͻ no a), aniεyaa de ne nsεmͻnedie kεse bεkͻso wͻ asaase no so
  74. Wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’tuu amantuo na wͻ’koo wͻ Nyankopͻn kwan soͻ, ne wͻn a wͻ’maa (wͻn) baabi tenaeε na wͻ’boaeε no, saa nkorͻfoͻ no ne agyidiefoͻ paa no. Wͻn wͻ bͻnefakyε ne akyεdeε a animonyam wͻ mu
  75. Wͻn nso a akyire yi wͻ’gye diiε, na wͻ’tuu amantuo, na wͻ’kaa mo ho ne mo koo (wͻ Nyame kwan soͻ) no, (saa nkorͻfoͻ) no ka mo ho. Abusuafoͻ bεn wͻn ho wͻn ho (wͻ adedie mu) wͻ Nyankopͻn nhyehyεε mu. Nokorε sε, Nyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ